Hesekiel 36 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 36:1-38

Israel Mmepɔ Ho Nkɔmhyɛ

1“Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ na ka sɛ: ‘Israel mmepɔ, montie Awurade asɛm. 2Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛe na ɔtamfoɔ no ka faa wo ho, “Ahaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ 3Ɛno enti, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno enti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapadeɛ ne ahohoradeɛ a ɛda wɔn a wɔsi wo atwetwe ano, 4ɛno enti, Israel mmepɔ, montie Otumfoɔ Awurade asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnka ne bɔnhwa, mmubuiɛ a ada mpan ne deɛ ayɛ afo, fomfa nkuro a animguaseɛ aka wɔn wɔ aman no nkaeɛ a atwa wɔn ho ahyia no mu. 5Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mefiri anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri sɛ wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.’ 6Ɛno enti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnhwa ne bɔnhwa sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede ninkunutweɛ mu anibereɛ kasa, ɛfiri sɛ amanaman no abu wo animtiaa. 7Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wɔbɛbu wɔn animtiaa.

8“ ‘Nanso mo, Israel mmepɔ, mobɛnya mman, aso aba ama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, ɛfiri sɛ ɛrenkyɛre wɔbɛba efie. 9Mo ho hia me na mɛhunu mo mmɔbɔ; wɔbɛfuntum mo na wɔadua mo so aba, 10na mɛma wo so nnipa adɔɔso. Israel efie nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkuro no so bio, na wɔbɛsisi mmubuiɛ no nso. 11Israel mmepɔ, mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso mo so na wɔbɛwowo na wɔadɔre, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kane no na wɔbɛma woadi yie asene kane no. Na afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no. 12Mɛma nkurɔfoɔ, me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, anante wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapadeɛ na woremma wɔnni mmakuna bio.

13“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ wo sɛ, “Israel asase, wokum nnipa we na woma wo ɔman no hwere nʼadehyeɛ” enti, 14worenkum nnipa nwe bio na woremma wo ɔman nhwere nʼadehyeɛ bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 15Meremma wo nte amanaman no fɛdie bio, na worenhunu nkurɔfoɔ no animtiabuo bio, na wo ɔman nso renhwe ase bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”

16Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 17“Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbaa bosome nsabuo wɔ mʼani so. 18Enti mehwiee mʼabufuhyeɛ guu wɔn so ɛfiri sɛ wahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi. 19Mebɔɔ wɔn petee amanaman no so na wɔhwetee wɔn guu nsase no so; megyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ so buu wɔn atɛn. 20Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Yeinom yɛ Awurade nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wɔfiri nʼasase so.’ 21Me din kronkron ho hia me, deɛ Israel efie guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.

22“Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no. 23Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a woagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, edin a woagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wɔhunu a, afei amanaman no bɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

24“ ‘Na mɛyi wo afiri amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so de mo asane aba mo ankasa asase so. 25Mede nsuo korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate: Mɛte mo ho afiri nkekaawa ne mo ahoni nyinaa ho. 26Mɛma wo akoma foforɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wo mu. Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wo mu na mama wo akoma foforɔ a ɛte sɛ honam. 27Na mede me Honhom bɛhyɛ wo mu na mama woadi mʼahyɛdeɛ so na woahwɛ adi me mmara so. 28Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. 29Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduane aba ama abu so na meremma ɛkɔm mma mo so. 30Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuo nso abɔ nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛkɔm enti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu. 31Afei, wobɛkae wʼakwammɔne ne wʼamumuyɛ, na wo bɔne ne akyiwadeɛ enti, wo ho bɛyɛ wo nwunu. 32Mepɛ sɛ mohunu sɛ ɛnyɛ mo enti na mereyɛ yei, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Momfɛre na momma mo ani nnwu wɔ mo abrabɔ ho, Ao Israel efie.

33“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio. 34Asase a ada mpan no, wɔbɛdua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ wɔn a na wɔtwam hɔ no ani soɔ no. 35Wɔbɛka sɛ, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo. Nkuropɔn a na adane mmubuiɛ, ayɛ afoafo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.” 36Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu sɛ me Awurade, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua wɔ deɛ na ada mpan soɔ, me Awurade na maka na mɛyɛ.’

37“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso sɛ nnwan, 38wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”