Habakuk 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Habakuk 2:1-20

1Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn.

Mɛbɔ nsra

na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me,

ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.

Awurade Mmuaeɛ Foforɔ

2Afei, Awurade buaa sɛ,

“Twerɛ adiyie yi wɔ abopono so

ma emu nna hɔ pefee

ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ.

3Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi;

ɛka awieeɛ ho asɛm

na ɛbɛba mu.

Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn,

ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.

4“Hwɛ, wama ne ho so;

nʼapɛdeɛ ntene,

nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.

5Nokorɛm, nsã ayi no ama

wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ.

Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena

na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti

ɔfom aman no nyinaa

na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum.

6“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ,

“ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano,

na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!

Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’

7Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so.

Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo

na wɔbɛtwi afa wo so.

8Esiane sɛ woafo aman bebree enti,

wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi.

Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu;

woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.

9“Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman,

a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea,

sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu.

10Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina,

de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so.

11Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam

na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu.

12“Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn

na ɔnam awudie so kyekyere kuro.

13Asafo Awurade ahyɛ sɛ,

nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye.

Aman no brɛ gu kwa. 14Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,

sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.

15“Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã,

Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro,

na afei woahwɛ wɔn adagya.

16Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.

Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan.

Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,

Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so

17Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,

ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.

Woaka nnipa mogya agu;

woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.

18“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu?

Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ?

Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;

na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.

19Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’

Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’

Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ?

Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;

nanso ahomeɛ nni mu.”

20Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu.

Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Habakuk 2:1-20

1Megyina mʼahwɛe na mawɛn.

Mɛbɔ nsra

na mahwɛ nea ɔbɛka akyerɛ me,

ne mʼanoyi a mede bɛma nkurobɔ yi.

Awurade Mmuae Foforo

2Afei, Awurade buae se,

“Kyerɛw adiyi yi wɔ ɔbopon so

ma mu nna hɔ pefee

na ama ɔkenkanfo ate ase.

3Adiyisɛm no retwɛn nkrabea bi;

ɛka awiei ho asɛm

na ɛbɛba mu.

Ɛwɔ mu sɛ ɛrekyɛ de, nanso twɛn,

ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.

4“Hwɛ, ɔtamfo no ama ne ho so;

nʼapɛde nteɛ,

nanso ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.

5Nokware, nsa yi no ma

wayɛ ahantan na onni ahotɔ.

Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ ɔda

na ɔte sɛ owu a hwee mmee no nti

ɔfom aman no nyinaa

na ɔfa nnipa no nyinaa nnommum.

6“Nnommumfo yi nyinaa bedi ne ho fɛw aserew no aka se,

“ ‘Nnome nka nea ɔboaboa akorɔnne ano,

na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!

Eyi nkɔ so nkosi da bɛn?’

7So wɔn a wode wɔn ka no rensɔre mpofirim ana?

Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo,

na wobetwiw afa wo so.

8Esiane sɛ woafow aman bebree nti,

wɔn a wɔaka no bɛfow wo bi.

Efisɛ woahwie nnipa mogya agu;

woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.

9“Nnome nka nea ɔde akorɔnne kyekyere ne man,

a ɔyɛ ne berebuw wɔ sorɔnsorɔmmea,

sɛnea obeyi ne ho afi ɔsɛe mu.

10Woatu nnipa bebree sɛe ho agyina,

de agu wankasa fi anim ase, de wo nkwa atwa so.

11Abo a ɛhyehyɛ afi afasu mu no bɛteɛ mu,

na ebegyigye wɔ mpuran a wɔahyehyɛ no mu.

12“Nnome nka nea ɔnam mogyahwiegu so kyekyere kuropɔn

na ɔnam awudi so kyekyere kurow.

13Asafo Awurade ahyɛ sɛ,

nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhyew.

Aman no brɛ gu kwa. 14Na Awurade anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,

sɛnea nsu hyɛ po ma no.

15“Due! Wo a woma wo mfɛfo nsa,

Wuhwie ma wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow,

na afei woahwɛ wɔn adagyaw.

16Worennya anuonyam biara, wʼani bewu.

Afei adu wo so! Nom na wʼadagyaw mu nna hɔ.

Kuruwa a efi Awurade nsa nifa reba wo so,

na aniwu bɛkata wʼanuonyam so.

17Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,

ɔsɛe a wosɛe mmoa nso bɛbɔ wo hu.

Woaka nnipa mogya agu;

woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.

18“Mfaso bɛn na munya fi ahoni a nipa ayɛ mu?

Anaa nsɛsode a ɛkyerɛkyerɛ atoro?

Nea ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;

na ɔyɛ anyame a wontumi nkasa.

19Nnome nka nea ɔka kyerɛ dua se, ‘Nya nkwa!’

Anaa ɔka kyerɛ ɔbo a enni nkwa se, ‘Nyan!’

Ebetumi ama akwankyerɛ?

Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;

nanso ɔhome nni mu.”

20Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefi kronkron mu.

Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.