Sefania 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Sefania 1:1-18

1Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.

Atemmuo A Ɛtia Yuda

2“Mɛpra biribiara afiri asase so”

deɛ Awurade seɛ nie,

3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiem

ne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.

Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko ara

sɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”

deɛ Awurade seɛ nie.

4“Mɛtene me nsa wɔ Yuda

ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,

na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din

5wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,

de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,

wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntam

na wɔde Molek nso ka ntam,

6wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridie

na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”

7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,

ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn.

Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;

wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

8Awurade afɔrebɔ ɛda no,

mɛtwe mmapɔmma

ne ahenemma

ne wɔn a wɔhyehyɛ

ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.

9Saa ɛda no mɛtwe wɔn

a wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.

Wɔn a wɔde akakabensɛm

ne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.

10“Saa ɛda no,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,

agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔ

na nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.

11Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no

wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,

dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

12Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu

na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,

wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,

a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hwee

sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’

13Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,

na wɔabubu wɔn afie agu.

Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena mu

wɔbɛyɛ bobe mfuo

nanso wɔrennom emu nsã.”

Awurade Ɛda Kɛseɛ No

14Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm so.

Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,

ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

15Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,

ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;

ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,

ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛda

ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,

16ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteam

a ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ

ne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.

17“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no so

na wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,

ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.

Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,

na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.

18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn nkwa

Awurade abufuo ɛda no.”

Ne ninkuntwe mu ogya no

bɛhye ɔman no nyinaa,

na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwa

aba awieeɛ mpofirim.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sefania 1:1-18

1Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.

Atemmu A Etia Yuda

2“Mɛpra biribiara afi asase so”

nea Awurade se ni,

3“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim

ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa.

Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara,

sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,”

nea Awurade se ni.

4“Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda

ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,

na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din

5wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi,

de sɔre abɔde a ɛwɔ wim,

wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam

na wɔde Molek nso ka ntam,

6wɔn nso a wogyae Awurade akyidi

na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase.”

7Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,

efisɛ, Awurade da no abɛn.

Awurade asiesie afɔrebɔde;

wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

8Awurade afɔrebɔ da no,

mɛtwe mmapɔmma

ne ahenemma

ne wɔn a wɔhyehyɛ

ananafo ntade nyinaa aso.

9Saa da no mɛtwe wɔn

a wɔkwati apongua no nyinaa aso.

Wɔn a wɔde akakabensɛm

ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.

10“Saa da no,”

sɛnea Awurade se ni,

“Osu befi Mpataa Pon ano,

agyaadwotwa befi Atenae Foforo

na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba.

11Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no

wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase,

dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

12Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu

na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso,

wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no,

a wodwen se, ‘Awurade renyɛ hwee

sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’

13Wɔbɛfom wɔn ahonyade,

na wɔabubu wɔn afi agu.

Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu

wɔbɛyɛ bobe mfuw

nanso wɔrennom mu nsa.”

Awurade Da Kɛse No

14Awurade da kɛse no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm so.

Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw,

ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.

15Saa da no bɛyɛ abufuw da,

ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da;

ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da,

ɛyɛ esum ne kusukuukuu da

ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,

16ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu

a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ

ne ntwɔtwɔw so abantenten da.

17“Mede awerɛhow bɛba nnipa no so

na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo,

efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.

Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma,

na wɔn ayamde nso sɛ atantanne.

18Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn nkwa

Awurade abufuw da no.”

Ne ninkutwe mu gya no

bɛhyew ɔman no nyinaa,

na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa

aba awiei mpofirim.