Filipifoɔ 4 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Filipifoɔ 4:1-23

1Enti, anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asane me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu.

2Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu. 3Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho.

4Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo. 5Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛre, Awurade bɛba. 6Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim. 7Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra adeɛ nyinaa so no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu.

8Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene. 9Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho.

Aseda

10Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei deɛ moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokorɛ sɛ modɔ me deɛ, nanso na monnya ho ɛkwan nkyerɛ saa. 11Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me. 12Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara. 13Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.

14Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. 15Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ ɛberɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyadeɛ. 16Mewɔ Tesalonika no, ɛberɛ biara a biribi ho bɛhia me no, mode brɛ me. 17Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ menya akyɛdeɛ na mmom, nhyira a mobɛnya wɔ mu na na mepɛ sɛ mehunu. 18Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ. 19Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa.

20Animuonyam nka yɛn Agya Onyankopɔn daa daa. Amen.

Nkyea

21Mekyea ahotefoɔ no wɔ Kristo Yesu mu.

Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyea mo.

22Ahotefoɔ no nyinaa kyea mo; ne titire no, Ɔhempɔn Kaesare fiefoɔ.

23Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.