Filipifoɔ 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Filipifoɔ 3:1-21

1Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ.

Monhwɛ Atorɔ Akyerɛkyerɛfoɔ Yie

2Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ nkraman a wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia ansa na moanya nkwagyeɛ no yie. 3Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so. 4Sɛ obi wɔ hɔ a ɔdwene sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanneɛ so na ɛyɛ a, anka ɛyɛ me. 5Ɛberɛ a medii nnawɔtwe pɛ na wɔtwaa me twetia. Meyɛ Israelni firi mʼawosuo mu. Mefiri Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifoɔ kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafoɔ mmara sodie ho asɛm nso a, meyɛ Farisini 6a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodie nko tumi ma obi yɛ ɔteneneeni a, anka me deɛ, me ho nni mfomsoɔ biara.

7Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ. 8Ɛnyɛ ɛno nko, seesei megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne enti, mato biribiara atwene. Mefa biribiara sɛ nneɛma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me nsa bɛka Kristo, 9na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ. Merenhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu bio. Na mmom mɛhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri gyidie mu. Mɛhwehwɛ pɛyɛ a ne fapem ne Kristo ne Onyankopɔn mu gyidie. 10Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu, 11na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me owuo akyi, mɛsɔre afiri owuo mu.

Botaeɛ No Ho Kɔ

12Mennka sɛ madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa bɛka deɛ enti a Kristo Yesu nso nsa aka me no. 13Anuanom, mennye nni sɛ madi saa nkonim no. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ firi mʼakyi na meyere me ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛduru deɛ ɛwɔ mʼanim no ho. 14Yei enti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

15Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.

17Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ. 19Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene ewiase nneɛma nko ara ho. 20Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no. 21Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.