Filipifoɔ 2 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Filipifoɔ 2:1-30

Kristo Ahobrɛaseɛ

1Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekyere mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa? 2Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ. 3Monnyɛ pɛsɛmenkomenya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ animuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mommu mo yɔnkonom nsene mo ankasa mo ho. 4Mommma obiara nnnwene ne nko ara nʼadeɛ ho, na mmom, ɔnnwene nʼafɛfoɔ nso deɛ ho bi.

5Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo deɛ no bi.

6Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu deɛ,

nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.

7Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn.

Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,

baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.

8Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ ɔsetie,

de kɔduruu owuo mu,

asɛnnua ho owuo mu mpo.

9Yei enti, Onyankopɔn maa no so kɔɔ beaeɛ a ɛkorɔn koraa,

maa no din a ɛdi din nyinaa so.

10Na ɛno enti, sɛ wɔbɔ Yesu din a,

ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa bɛkoto no.

11Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka sɛ,

Yesu Kristo ne Awurade,

de ahyɛ Agya Onyankopɔn animuonyam.

Nkwagyeɛ Ho Adwumayɛ

12Enti, me nnamfo pa, sɛdeɛ na me ne mo te hɔ a na motie me no, saa ara nso na ɛberɛ a menni mo nkyɛn seesei yi, ɛsɛ sɛ motie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopoɔ ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagyeɛ ho adwumayɛ, 13ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.

14Dwuma biara a modi no, monnnwiinwii na monnnye ho akyinnyeɛ 15sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma nokwafoɔ a wɔte ewiase a nkontompofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa, na Kristo Ɛda no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no, ɛfiri sɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mebɛdiiɛ no anyɛ kwa. 17Ebia na ɛsɛ sɛ wɔhwie me mogya gu sɛ afɔrebɔdeɛ, sɛdeɛ mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔdeɛ ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm, na me ne mo nyinaa anya saa ahosɛpɛ no. 18Aane, momma mo ani nnye, sɛdeɛ me nso mʼani agye no.

Wɔsoma Timoteo Ne Epafrodito.

19Anidasoɔ a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no enti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mmfa ne ho. 22Mo ankasa modi ho adanseɛ wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abom adi asɛmpa no ho dwuma. 23Sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛre biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn. 24Na Awurade mu anidasoɔ a mewɔ enti, menim sɛ ɛrenkyɛre biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.

25Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na ɔdi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo ɔsomafoɔ de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26Ne ho pere no sɛ ɔbɛhunu mo nyinaa na ɛha no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso, Onyankopɔn hunuu no ne me nso mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, wamma manni awerɛhoɔ. 28Me ho peree me yie sɛ mɛsoma no mo nkyɛn, na mohunu no a, mo ani asane agye bio na me nso mʼawerɛhoɔ to atwa. 29Momfa ahosɛpɛ nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obuo ne anidie mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30ɛfiri sɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Filipifo 2:1-30

Kristo Ahobrɛase

1Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana? 2Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ. 3Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. 4Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.

5Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.

6Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,

nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.

7Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.

Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,

baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.

8Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ osetie

de koduu owu mu,

asennua ho wu mu mpo.

9Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa,

maa no din a edi din nyinaa so.

10Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a,

ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.

11Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,

Yesu Kristo ne Awurade,

de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Nkwagye Ho Adwumayɛ

12Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, 13efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.

14Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, 15sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa. 17Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no. 18Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no.

Wɔsoma Timoteo Ne Epafrodito.

19Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. 22Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma. 23Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn. 24Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.

25Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow. 28Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa. 29Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.