Filipifoɔ 1 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Filipifoɔ 1:1-30

Nkyea

1Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,

Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa:

2Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Paulo Mpaeɛbɔ

3Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo, 5ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.

7Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. 8Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu.

9Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu, 10sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo. 11Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.

12Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ. 13Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase. 14Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.

15Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase. 17Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu. 18Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.

Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me. 20Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam. 21Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ. 22Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo. 23Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ; 24nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ. 25Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ. 26Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

27Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho. 28Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho. 29Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso. 30Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Filipifo 1:1-30

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn,

Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa:

2Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Paulo Mpaebɔ

3Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. 4Saa ara nso na da biara mede anigye bɔ mpae ma mo, 5efisɛ efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. 6Eyi nti migye di yiye sɛ Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no.

7Sɛnea mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Efisɛ sɛ meda mpokyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. 8Onyankopɔn ankasa di me adanse sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu.

9Me mpae a mebɔ ma mo ne sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin wɔ nimdeɛ ne ntease mu, 10sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no na moayɛ kronkron a obi nka asɛm bi ntia mo. 11Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam akamfo no.

12Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw. 13Ɛno nti awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, esiane sɛ meyɛ Kristo somfo no nti na meda afiase. 14Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduru so a wonsuro hwee.

15Ɛyɛ nokware sɛ wɔn mu ebinom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. 16Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase. 17Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiasenna nna yi mu. 18Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka.

Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19efisɛ minim sɛ mo mpaebɔ ne adom a efi Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti wobegyaa me. 20Me pɛ ne mʼanidaso titiriw ne sɛ, mmere nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa bere yi, sɛ mete ase o, sɛ miwu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo anuonyam. 21Me de, Kristo nti na mete ase; na mpo, owu yɛ me mfaso. 22Nanso sɛ mete ase a, metumi ayɛ adwuma a so wɔ mfaso ama Kristo. Ɛno nti minhu mu nea memfa, asetena anaasɛ owu. 23Eyi ayɛ me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ mitu fi wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye; 24nanso mo nti, sɛ mete ase nso a anka eye. 25Minim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno nti migye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyin wɔ gyidi mu anya anigye. 26Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

27Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukura botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho. 28Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse sɛ wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ Onyankopɔn ka mo ho. 29Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom sɛ mubehu amane nso. 30Afei mubetumi ne me abɔ mu ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwa mu no, mekoe na migu so reko sɛnea mote no.