Adiyisɛm 16 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 16:1-21

Onyankopɔn Abufuo Nson No

1Afei, metee nne bi sɛ ɛrekasa firi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfoɔ no sɛ, “Mo nkɔ nkɔhwie Onyankopɔn abufuo nson a ɛwɔ nkuruwa nson mu no ngu asase so.”

2Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no kɔhwiee ne kuruwa no mu abufuo guu asase so. Akuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ yea tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyiraeɛ no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.

3Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu ɛpo mu. Nsuo no danee sɛ owufoɔ mogya, na abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu wɔ ɛpo no mu no wuiɛ.

4Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu nsubɔntene ne nsuwa mu maa ne nyinaa danee mogya. 5Metee sɛ ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so no reka sɛ,

“wʼatɛn a wobuo no yɛ atɛntenenee.

Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dada,

6ɛfiri sɛ wahwie mo ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu,

woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛdeɛ ɛfata wɔn.”

7Afei, metee nne bi wɔ afɔrebukyia no so sɛ,

“Aane, Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn,

atɛn a wobu nyinaa yɛ atɛntenenee!”

8Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so ɛnan no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa. 9Owia hyeɛ no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso, wɔannu wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

10Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu aboa no ahennwa no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na ɛsiane yea enti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma; 11na ɛsiane saa yea no ne akuro a ɛtutuu wɔn no enti, wɔdomee ɔsoro Onyankopɔn. Nanso, wɔantwe wɔn ho amfiri wɔn bɔne ho.

12Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu Asubɔnten Eufrate mu. Asuo no weweeɛ, danee ɛkwan maa ahene a wɔfiri apueeɛ. 13Afei, mehunuu ahonhommɔne mmiɛnsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wɔfifiri ɔtweaseɛ no ne aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no anom. 14Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwanwadeɛ. Saa ahonhom mmiɛnsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Onyankopɔn ɔko da kɛseɛ no.

15“Montie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ so, sɛdeɛ ɔrennante adagya ngu ne ho anim ase wɔ badwam!”

16Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Armagedon.

17Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no mu abufuo guu mframa mu. Nne denden bi firi ahennwa a ɛwɔ asɔredan no mu no kaa sɛ, “Wɔawie.” 18Na anyinam tete maa aprannaa paapaeɛ, ɛnna asasewosoɔ denden bi baeɛ. Ɛfirii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosoɔ biara mmaa saa da. Yei ne asasewosoɔ nyinaa mu deɛ ano yɛ den pa ara. 19Kuro kɛseɛ no mu paee mmiɛnsa, na aman nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛeɛ. Onyankopɔn kaee Babilonia kɛseɛ no, na ɔmaa no nsã a ano yɛ den a ɛyɛ nʼabufuo firi ne kuruwa ano nomeɛ. 20Nsupɔ ne mmepɔ nyinaa yeraeɛ. 21Asukɔtweaa kɛseɛ a ebiara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ firii soro guu nnipa so. Na ɛsiane asukɔtweaa no haw a na ɛyɛ hu no enti, nnipa domee Onyankopɔn.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 16:1-21

Onyankopɔn Abufuw Ason No

1Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so.”

2Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa mu abufuw no guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso honi no nso.

3Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.

4Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu nsubɔnten ne nsuwa mu maa ne nyinaa dan mogya. 5Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no reka se,

“Wʼatɛn a wubu no yɛ atɛntrenee.

Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw,

6efisɛ wɔahwie mo ahotefo ne adiyifo mogya agu,

woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛnea ɛfata wɔn.”

7Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se,

“Yiw, Awurade, Otumfo Nyankopɔn,

atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”

8Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa. 9Owia hyew no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔansakra wɔn adwene anhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

10Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu aboa no ahengua no so. Sum duruu wɔ aboa no ahemman mu, na esiane ɔyaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma; 11na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.

12Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu Asubɔnten Eufrate mu. Asu no yow dan ɔkwan maa ahemfo a wofi apuei no. 13Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom. 14Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahonhom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfo Nyankopɔn ɔko da kɛse no.

15“Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, sɛnea ɔrennantew adagyaw ngu ne ho anim ase wɔ bagua mu!”

16Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu no wɔfrɛ hɔ Armagedon.

17Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, “Wɔawie.” 18Na anyinam twitwa maa aprannaa paapaee, na asasewosow dennen bi bae. Efii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosow biara mmaa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara. 19Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilonia Kokuroko no, na ɔmaa no nsa nomee; nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano yɛ den no fi ne kuruwa ano. 20Asupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. 21Mparuwbo akɛse a biara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ fii ɔsoro guu nnipa so. Na esiane mparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.