Adiyisɛm 15 – ASCB & AKCB

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 15:1-8

Ɔyaredɔm

1Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ. 2Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no. 3Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ,

“Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn,

wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa

Amansanhene

Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

4Hwan na ɔnsuro wo, Awurade?

Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ?

Wo nko na woyɛ kronkron.

Aman nyinaa bɛba

abɛsom wɔ wʼanim,

ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”

5Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu. 6Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so. 7Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma. 8Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 15:1-8

Ɔyaredɔm

1Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokura ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to no. 2Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra redɛw. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso honi ne nea wɔde agyirae asi ne din anan mu no so nkonim. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokurakura asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no. 3Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose ne Oguamma no dwom se,

“Awurade, Otumfo Nyankopɔn,

wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa

Amansan hene,

wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware.

4Hena na ɔrensuro wo, Awurade?

Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ?

Wo nko na woyɛ kronkron.

Aman nyinaa bɛba

abɛsom wɔ wʼanim,

efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.”

5Eyi akyi no, mihuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ Kronkron mu Kronkron no abue a adanse ntamadan si mu. 6Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so. 7Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma. 8Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae.