5 Mose 34 – ASCB & JCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 34:1-12

Mose Owuo

1Na Mose firi Moab asase tata so foro kɔɔ Nebo Bepɔ so, sane foroo Pisga kokoɔ no wɔ Yeriko ntentenesoɔ. Na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, ɛfiri Gilead kɔsi Dan; 2Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kɔsi Ntam Po no ho; 3Negeb; ne nsase a ɛfiri Yeriko bɔnhwa no de kɔsi Soar. 4Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yei ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ mede bɛma wɔn asefoɔ no. Afei, mama wo de wʼani ahunu, nanso wo nan rensi so.”

5Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu wɔ Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. 6Wɔsiee no wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee. 7Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso yɛ den. 8Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie wɔ Moab tata so.

9Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri sɛ, Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.

10Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu. 11Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa. 12Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa.

Japanese Contemporary Bible

申命記 34:1-12

34

モーセの死

1モーセはモアブ平原から、エリコの向かいにあるネボ山に登り、ピスガの頂に立ちました。主に示されるままに約束の地を眺めると、ギルアデのずっと向こう、はるかかなたのダンまで見渡せます。 2北から、ナフタリの領地、エフライムとマナセの領地、ユダの領地と続き、西は地中海まで広がっています。 3ネゲブ、ヨルダン渓谷、なつめやしの町エリコ、それにツォアルも見えます。

4主はモーセに語りました。「これが約束の地、いつか子孫にこの地を与えると、アブラハム、イサク、ヤコブに約束した地だ。あなたは今ようやくその国を見た。しかし、入ることは絶対に許されない。」

5モーセは生涯、神に忠実に仕え、主が言われたとおりモアブの国で死にました。 6主はモーセをモアブのベテ・ペオルの近くの谷に葬りましたが、その正確な場所を知る者はいません。 7その時、モーセは百二十歳でしたが、まだ視力は衰えず、体力も若者のようでした。 8イスラエル人は三十日間、モアブ平原でモーセのために喪に服しました。

9ヌンの子ヨシュアは、知恵のあるりっぱな指導者でした。モーセがかつて、彼の頭に手を置いて任命したからです。そこで、人々はヨシュアの指導に従い、主がモーセに与えた戒めをそのとおり守りました。 10モーセのような預言者はもう二度と現れませんでした。実に主が、面と向かって彼と話したのです。 11-12神の命令で、モーセは目をみはるような奇跡を行いました。あれほどの奇跡は、その後なされたことはありません。彼は、エジプトでは王と宮廷の人々の前で、荒野ではイスラエル人の見ている前で、神の力を示すために驚くべき奇跡を行いました。