5 Mose 22 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 22:1-30

1Sɛ wohunu sɛ obi nantwie anaa sɛ ne dwan nam basabasa a, ɛnyɛ sɛdeɛ wonhunuu no. Kyere no kɔma ne wura. 2Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wonnim no a, fa no kɔ wo fie kɔsi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na fa nʼaboa ma no. 3Sɛ wohunu wo nua bi afunumu anaa ne ntoma anaa ne biribi a ayera wɔ ɛkwan no so a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so.

4Sɛ wohunu sɛ wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre.

5Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ mmarima atadeɛ, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmaa atadeɛ, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ yei yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

6Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo da ɛkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam na sɛ anomaa no maame te ne ba no ho anaa ɔbutu nkosua so a, mfa anomaa no maame ne ne ba no nkɔ. 7Wotumi fa ne ba no, nanso hwɛ no yie sɛ wobɛma ne maame no akɔ sɛdeɛ ɛbɛsi wo yie, na wo nkwa nna aware.

8Sɛ wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri hɔ ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so.

9Wo bobefuo no, nnua nnɔbaeɛ foforɔ biara wɔ bobe no ntam. Sɛ woyɛ saa a, wonni ho kwan sɛ wote bobe aba wɔ bobefuo no mu anaasɛ nnɔbaeɛ foforɔ no so aba biara.

10Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum afuo.

11Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono.

12Sɛ wopam atadeɛ a, yɛ mpɛsɛe wɔ nʼahinanan ɛnan no biara ano.

Nneyɛɛ A Ɛmfata Wɔ Awadeɛ Mu

13Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio, 14na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, “Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu,” 15a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano. 16Ɛsɛ sɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn sɛ, “Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio. 17Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka sɛ, ɔwaree no no wahunu sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie.” Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu wɔ atemmufoɔ no anim. 18Atemmufoɔ no bɛtwe ɔbarima no aso. 19Wɔbɛbɔ no ka dwetɛ kilogram baako sɛ wahyɛ da agu Israel ɔbaabunu no anim ase sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Wɔbɛtua sika no ama ɔbaa no agya. Afei, ɔbabaa no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio.

20Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ, na wɔannya adansedeɛ a ɛfa ne baabunuyɛ no ho ankyerɛ a, 21wɔde ɔbaa no bɛba nʼagya fie abɔntenpono ano na kurom hɔ mmarima asi no aboɔ wɔ hɔ akum no. Ɔnam adwamammɔ so ayɛ animguaseɛ bɔne wɔ Israel ɛberɛ a ɔne nʼawofoɔ te. Ɛsɛ sɛ wɔpepa saa bɔne no firi mo mu.

22Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforɔ bi yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ motu saa bɔne no ase wɔ Israel.

23Sɛ ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na sɛ saa asɛm no sii kuro no mu a, 24ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so.

25Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no. 26Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no. 27Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no.

28Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a, 29ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da.

30Ɔbarima biara nni ho ɔkwan sɛ ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ sɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 22:1-30

其他条例

1“如果你们看见同胞的牛或羊走迷了路,不可视而不见,要把它带回去交给主人。 2如果主人离你们很远,或者你们不知道主人是谁,就要把它牵回家,等主人来找时再还给主人。 3见到同胞遗失的驴、衣物或其他东西,都要这样处理,不可视而不见。 4如果在路上看见同胞的牛或驴倒在地上,不可视而不见,要帮忙把它扶起来。

5“女人不可穿戴男人的衣物,男人也不可穿戴女人的衣物,因为这是你们的上帝耶和华所憎恶的。

6“如果你们在路边、树上或地上看见鸟巢,里面有雏鸟或蛋,并有母鸟伏在上面,不可把母鸟和雏鸟一起取走。 7你们可以取走雏鸟,但要放走母鸟。这样,你们就会凡事顺利,得享长寿。

8“建造新房时,要在房顶22:8 以色列人的房子都是平顶房。上安设围栏,免得有人从房顶上掉下来,由你们承担流血之罪。

9“你们不可在葡萄园里种别的作物,否则你们的收成和园中的果子都要充公。 10不可让牛和驴同负一轭耕地。 11不可穿由羊毛和细麻合织的衣物。

12“要在外袍的四角缀上穗子。

有关女子贞操的条例

13“如果有人娶了妻子,与她同房后却不喜欢她, 14诽谤她,说,‘我娶她时,发现她已经不是处女’, 15女方父母就要把凭据拿到城门口的长老们面前,证明女儿的贞洁。 16女方的父亲要对他们说,‘我把女儿嫁给这个人,现在他不喜欢我女儿, 17诽谤她,声称她结婚时已经不是处女,但这里有我女儿贞洁的凭据。’女方父母要把女儿新婚之夜用过的床单在长老们面前展开。 18长老们就必须抓住那人惩处他, 19罚他赔偿一公斤银子给女方的父亲,因为他诽谤了一个以色列的处女。那女子仍要做他妻子,丈夫终生不可休她。

20“但如果那人的指控属实,没有找到那女子贞洁的凭据, 21就要把她带到她父亲的家门前,由本城的人用石头打死她。因为她婚前淫乱,在以色列做了可耻的事。你们必须除掉你们中间的罪恶。

22“如果有人与有夫之妇通奸,必须处死奸夫和淫妇,这样就从以色列除掉了罪恶。

23“如果有人在城中遇见已经订婚的女子,与她行淫, 24你们必须把二人带到城门口,用石头打死他们。那女子该死,因为她在城中却没有高声呼救;那男子该死,因为他奸污了别人的妻子。你们必须除去你们中间的罪恶。

25“如果有人在野外遇见已经订婚的女子,强奸了她,必须处死那男子。 26但不可处死那女子,因为她没有犯该死的罪,她像被攻击、杀害的人一样是无辜的。 27因为她是在野外被强奸,即使喊叫也无人救她。

28“如果有人强奸了未订婚的处女,被抓住后, 29这人要付给女方的父亲六百克银子,并娶她为妻,终生不可休她,因为他奸污了她。

30“人不可娶他父亲的妻妾,因为这是对他父亲的羞辱。