5 Mose 21 – ASCB & CCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 21:1-23

Awudie A Wɔnnim Owudifoɔ No Ho Mpata

1Sɛ wɔhunu sɛ wɔakum obi da afuom wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ monnim owudifoɔ no a, 2mo ntuanofoɔ ne atemmufoɔ bɛkɔ akɔsusu ɛkwan a ɛda deɛ owufoɔ no da hɔ ne kuro a ɛbɛn no ntam. 3Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn owufoɔ no pɛɛ no mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee funtumfidie da, 4na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da na nsuo resene wɔ mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ sɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu. 5Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm na wɔnhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua. 6Kuro a ɛbɛn efunu no mu mpanimfoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa gu nantwie ba a wɔbuu ne kɔn mu no so. 7Na afei wɔbɛka sɛ, “Ɛnyɛ yɛn nsa na yɛhwiee mogya yi guiɛ na yɛanhunu nso. 8Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so.” Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so. 9Sɛ wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so a, na moayi awudie no ho afɔbuo afiri mo atenaeɛ hɔ.

Mmaa Nnommumfoɔ Awadeɛ

10Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfoɔ na Awurade mo Onyankopɔn dane wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnomum, 11na sɛ wɔn mu no, mohunu ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, motumi ware no. 12Momfa no mmra mo fie na monyi ne ti, ntwitwa ne mmɔwerɛ, 13na monyi ntadeɛ a na ɛhyɛ no wɔ ɛberɛ a mokyeree no no ngu hɔ. Na watena mo fie asu nʼagya ne ne maame bosome akyi no, motumi kɔ ne ho ma ɔyɛ ɔyere. 14Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ, moagu nʼanim ase.

Abakan Ho Asɛm

15Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn deɛ ɔka ho no, na wɔn baanu no nyinaa, wɔn mu biara ne no wɔ ɔbabarima nanso nʼabakan no yɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, 16na sɛ ɔhyɛ nsamanseɛ de ma ne mmammarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛseɛ no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima. 17Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no, na wanam so ama no nʼagyapadeɛ no mmɔho mmienu. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan. Ɛno enti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.

Ɔbabarima A Ɔte Atua

18Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie nʼagya ne ne maame asɛm a nso wɔtene ne so a, 19deɛ ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne maame no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ kuro no so no anim. 20Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ, “Yɛn babarima yi yɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ onipa teta kɔwensani.” 21Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kuro no mu nyinaa si no aboɔ kum no. Ne saa no, monam so bɛpamo saa bɔne a aba mo mu no, na Israel nyinaa bɛte, na abɔ wɔn hu.

Mmara Ahodoɔ

22Sɛ obi yɛ amumuyɛsɛm bi a ɛfata owuo na enti wɔkum no na wɔde no sɛn dua so a, 23ɛnsɛ sɛ ɔsɛne dua no so ma adeɛ kye so. Ɛsɛ sɛ ɛda no ara, wɔsie amu no, ɛfiri sɛ, obiara a wɔsɛn no dua so saa no yɛ Onyankopɔn nnome. Monngu asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no ho fi.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

申命记 21:1-23

杀人疑案的处理

1“在你们的上帝耶和华将要赐给你们的土地上,如果发现有人被杀,陈尸野外,却不知道凶手是谁, 2当地的长老和审判官就要去测量一下尸体距附近各城邑的距离。 3距离尸体最近的那城的长老们要牵一头从未负过轭、从未耕过地的小母牛, 4去有溪流但无人耕种过的山谷,在那里把它的颈项打断。 5利未祭司也要去,因为你们的上帝耶和华拣选他们在祂面前事奉、奉祂的名为人祝福并审理各种纠纷及人身伤害的事。 6那城的长老们要在被打断颈项的小母牛上方洗手, 7然后祷告说,‘我们的手没有杀这人,我们的眼也没有看见谁杀了他。 8耶和华啊,求你赦免你已经救赎的以色列子民,不要把杀害这无辜之人的罪算在你的子民身上。’这样,杀人的罪便可得到赦免。 9你们做耶和华视为正的事,就可以从你们中间除去杀害无辜之人的罪。

娶女俘的条例

10“你们和敌人交战时,你们的上帝耶和华会把敌人交给你们,使他们成为你们的俘虏。 11如果你们有人在俘虏中看见美丽的女子,被她吸引,想娶她为妻, 12就可以带她回家,让她剃去头发,修剪指甲, 13换掉被俘时所穿的衣服,住在那人家中为她父母哀悼一个月。之后,那人便可以和她结为夫妻。 14如果那人不喜欢她,则要让她自由离去,不可卖掉她,也不可奴役她,因为他已经羞辱了她。

长子的权利

15“如果一个人有两个妻子,一个受他宠爱,一个不受他宠爱,二人都给他生了儿子,但长子是不受宠爱的妻子生的, 16分产业的时候,他不可废长立幼,把长子的权利给他所爱之妻生的儿子。 17他必须承认他不爱之妻所生的长子的名分,分给他双份产业,因为长子是他壮年时所生的儿子,应享有长子的权利。

惩处逆子的条例

18“如果一个人的儿子冥顽不灵、悖逆成性、屡教不改, 19他父母要抓住他,把他带到城门口去见本城的长老,对他们说, 20‘我们这个儿子冥顽不灵、悖逆成性,不肯听从我们,是个贪吃好酒之徒。’ 21全城的人都要用石头打死他,从你们中间除掉这种罪恶。所有以色列人听说后,都会感到害怕。

罪犯尸体的处理

22“如果有人犯了死罪,尸体被挂在木头上, 23不可让尸体在木头上过夜,必须当天埋葬,因为凡挂在木头上的人都是上帝所咒诅的。你们不可玷污你们的上帝耶和华将要赐给你们的土地。