5 Mose 16 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 16:1-22

Twam Afahyɛ

1Daa monni Twam Afahyɛ no wɔ ɔbosome Abib16.1 Hebrifoɔ bosome Abib no taa si Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam. no mu mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔbosome Abib mu ɛda bi anadwo na Onyankopɔn yii mo firii Misraim. 2Monkum anantwie anaa nnwan sɛ Twam Afahyɛ afɔrebɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, wɔ baabi a Awurade bɛyi sɛ atenaeɛ wɔ ne din mu. 3Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no. 4Mommma wɔnhunu mmɔreka wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma ɛnam a mode bɔɔ afɔdeɛ ɛda a ɛdi ɛkan no anwummerɛ no nnka ogya so nkɔsi anɔpa.

5Monnni Twam Afahyɛ no wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. 6Baabi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no na monni Twam Afahyɛ no. Sɛ owia rekɔtɔ a na monni mfa nkae mo Misraim firi berɛ no. 7Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no. Na adeɛ kye a, monkɔ mo ntomadan mu. 8Nnansia na momfa nni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ. Na ne nnanson so, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na saa ɛda no, obiara nnyɛ adwuma.

Ɔtwa Berɛ Afahyɛ

9Ɛberɛ a wɔrebɛfiri aseɛ atwa aburoo no na monkan nnanson no. 10Monni Nnapɛn Dapɔnna ma Awurade, mo Onyankopɔn, na mommɔ ayamyɛ afɔdeɛ sɛdeɛ nhyira a Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo no sɛso so. 11Na monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a ɔbɛyi sɛ atenaeɛ a wɔbɛkamfo ne din no—mone no mo mmammarima ne mo mmammaa, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro mu ne ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔne mo teɛ. 12Monkae sɛ, na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yie na monni saa mmara yi nyinaa so.

Asese Afahyɛ

13Sɛ moboaboa mo ayuporobea ne mo nsakyimena mu adeɛ ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. 14Saa afahyɛ yi bɛyɛ ahotɔ ne ahosɛpɛ berɛ ama mo ne mo abusuafoɔ, mo asomfoɔ ne Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔfiri mo nkuro mu. 15Nnanson na momfa nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, animuonyam wɔ baabi a ɔbɛyi, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔma mo mfudeɛ bɔ pii na ɔhyira mo nnwuma nyinaa so. Saa afahyɛ yi yɛ ahosɛpɛ ma obiara.

16Afe biara mu, ɛsɛ sɛ mo mmarima hyia wɔ mo Awurade, mo Onyankopɔn anim baabi a ɔbɛyi no mprɛnsa de ma Apiti Afahyɛ, Otwa berɛ Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan. 17Obiara mma deɛ ne nsa bɛso so wɔ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ahyira no.

Atemmufoɔ

18Monsisi atemmufoɔ ne mpanimfoɔ mfiri mo mmusuakuo biara mu wɔ nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no mu. Wɔbɛbu atɛntenenee wɔ nsase no nyinaa so. 19Mommmu ntɛnkyea da biara da. Monnnye adanmudeɛ, ɛfiri sɛ, adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm. 20Momma asɛntenenee nna adi sɛdeɛ ɛbɛma moatumi atena asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so.

Ahonisom

21Monnsisi nnua biara sɛ abosompɔ wɔ Awurade mo Onyankopɔn afɔrebukyia a morebɛsi ama no no ho. 22Saa ara nso na monnsi aboɔ adum nsom wɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.