5 Mose 15 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 15:1-23

Aka Mu Twa

1Mfirinhyia nson biara awieeɛ, montwa mo aka mu. 2Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so nie: Ɛsɛ sɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri sɛ, Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru. 3Saa bosea a wɔtwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfoɔ nko ara. Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nka ho. 4Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ ba mo mu ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so. 5Sɛ moto mo bo ase di Awurade mo Onyankopɔn mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, mobɛnya saa nhyira yi. 6Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea nanso mo deɛ, morenkɔ aboseabɔ da. Mobɛdi aman bebree so nanso wɔrenni mo so.

7Sɛ moduru nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so na sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ a, mommpirim mo akoma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so. 8Mmom, mongo mo nsam na momfɛm wɔn deɛ ɛhia wɔn. 9Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ ɛka mu twa berɛ no reyɛ aduru so enti, obi bɛbisa mo bosea a moremma no. Sɛ moammɔ ahiafoɔ no bosea na sɛ wɔsu frɛ Awurade a, wɔbɛbu mo fɔ sɛ moayɛ bɔne. 10Momma no akoma pa mu na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo ne biribiara a mobɛyɛ so. 11Ɛberɛ biara, mobɛhunu ahiafoɔ wɔ mo mu. Ɛno enti na merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mo ne ahiafoɔ ne mo nuanom Israelfoɔ nkyɛ.

Asomfoɔ Ahofadie

12Sɛ wo nua Hebrini barima anaa ɔbaa tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gya no ɛkwan. 13Na sɛ woregya no ɛkwan a, mma no nkɔ nsapan. 14Fa nsa a emu go gya no ɛkwan na ma no wo nnwan no, wʼayuporebea mu adeɛ ne wo nsakyimena mu adeɛ bi. Wo ne no nkyɛ wʼadonneɛ bi a Awurade, wo Onyankopɔn, de ahyira wo no bi. 15Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn yii mo firii hɔ. Ɛno enti na mede saa mmara yi rema mo ɛnnɛ yi.

16Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo sɛ, “Merennya wo hɔ nkɔ”, ɛfiri sɛ, ɔpɛ wo ne wʼabusuafoɔ asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a, 17ɛnneɛ, fa fitiiɛ bɔne nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.

18Mma no nyɛ wo ya sɛ woregyaa wʼasomfoɔ no ama wɔafa wɔn ho akɔdie. Monkae sɛ, mfeɛ nsia ni no, wɔasom wo a sɛ wokɔfaa apaafoɔ sɛ wɔnsom wo a, anka wobɛtua apaafoɔ no sika mmɔho mmienu, na Awurade mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.

Mmoa Mmakan

19Mo anantwie ne mo nnwan mmakan anini no, monyi nsi hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mo anantwie mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuo mu nkɔyɛ nnwuma na monntwitwa mo nnwan mmakan ho nwi nso. 20Mmom, mo ne mo abusuafoɔ, afe biara, monnwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn bɛyi ama mo no wɔ nʼanim. 21Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afira anaa wadi ɛdɛm foforɔ bi a, mommfa no mmɔ afɔdeɛ mma Awurade mo Onyankopɔn. 22Mmom, momfa no nyɛ aduane mma abusuafoɔ wɔ fie. Sɛ obi ho te o, sɛ ne ho nte o, ɔtumi di bi sɛdeɛ obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. 23Nanso, monnni mogya no. Monhwie ngu fam te sɛ nsuo.