2 Mose 8 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 8:1-32

Mpɔtorɔ Bebree Ba

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me. 2Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. 3Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so. 4Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’ ”

5Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”

6Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. 7Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.

8Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.”

9Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”

10Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.”

Mose buaa sɛ, “Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nko ara. 11Mpɔtorɔ no nyinaa bɛwuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”

12Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no. 13Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma tɔ. 14Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie. 15Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.

Mfuturo Dane Ntontom

16Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.” 17Enti, Mose ne Aaron yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. 18Nkonyaayifoɔ no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ yɛ saa ara, nanso wɔantumi. 19Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei deɛ, Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.

Nwansena Ba Manyamanya

20Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre anɔpatutuutu kɔhyia Farao na sɛ ɔrebɛdware asubɔnten no mu a, woaka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me. 21Na sɛ wantie a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afie mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.

22“ ‘Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri sɛ, nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahunu sɛ, me Awurade mewɔ tumi wɔ Misraim asase yi so. 23Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’ ”

24Awurade yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ.

25Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no wɔ ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so.”

26Nanso Mose kaa sɛ, “Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma Awurade yɛn Onyankopɔn no yɛ Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti sɛ yɛbɔ saa afɔdeɛ no wɔ ha a, wɔbɛkum yɛn. 27Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Awurade, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.”

28Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ Awurade, mo Onyankopɔn mma me.”

29Mose kaa sɛ, “Sɛ me firi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wɔ wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ sɛ, hwɛ na woanhyɛ bɔ sɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene.”

30Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Awurade sɛ, ɔntɔre nwansena no nyinaa ase. 31Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase. 32Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ.