2 Mose 7 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 7:1-25

1Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi wo sɛ mʼananmusini wɔ Farao anim na Aaron ayɛ wo ɔkyeame. 2Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim. 3Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim. 4Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so. 5Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfoɔ no a, wɔbɛhunu sɛ, nokorɛ, mene Awurade no, na wɔama me nkurɔfoɔ no ɛkwan ama wɔakɔ.”

6Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ wɔn no. 7Ɛberɛ a Mose ne Aaron kɔhyiaa Farao no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, ɛnna Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa.

Mose Poma Dane Ɔwɔ

8Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, 9“Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no ama wahunu sɛ, nokorɛ, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ ɔbisa saa a, Aaron nto ne poma no ntwene fam na ɛbɛdane ɔwɔ.”

10Enti, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwanwadeɛ no sɛdeɛ Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron too ne poma no twenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfoɔ anim ma ɛdanee ɔwɔ. 11Farao nso frɛɛ nʼanyansafoɔ ne ne nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwanwadeɛ korɔ no ara bi. 12Wɔn nso, wɔn poma tumi danee ɔwɔ. Nanso, Aaron ɔwɔ no menee wɔn deɛ no. 13Farao kɔɔ so yɛɛ akomaden a na ɔmpɛ sɛ ɔtie asɛm a Awurade kaeɛ no.

Nsuo Dane Mogya

14Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Farao apirim nʼakoma enti, ɔbɛkɔ so asi nnipa no ɛkwan sɛ ɔremma wɔnkɔ. 15Nanso Awurade kaa sɛ: Sane kɔ Farao7.15 Na Farao taa kɔbɔ mpaeɛ wɔ Nil (anyame agya) nyame so. Sɛ woka Nil a, sɛ ɛnni hɔ a anka Misraim bɛyɛ anweatam no a, na woaka Misraim sunsum. nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kɔgyina asuo no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura wo. 16Ka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn asane asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ ɛserɛ so. Woayɛ asoɔden. 17Afei, Awurade se: Wobɛhunu sɛ, mene Awurade no. Ɛfiri sɛ, maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ Nil nsuo no mu na nsuo no bɛdane mogya. 18Nsuomnam a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bɛwuwu ama nsuo no abɔn a Misraimfoɔ no rentumi nnom.’ ”

19Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no nkyerɛ nsuo a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔntene, wɔn nsuwa, wɔn atadeɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ ne nsuo a ɛwɔ afie mu nyinaa so na ɛbɛdane mogya.”

20Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. Ɛberɛ a Farao ne ne mpanimfoɔ gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de poma no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no danee mogya. 21Nsuomnam a wɔwɔ mu nyinaa wuwuiɛ maa nsuo no bɔnee enti, na Misraimfoɔ no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa danee mogya.

22Nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayie so maa nsuo danee mogya enti, Farao kɔɔ so pirim nʼakoma a na ɔntie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no. 23Ɔsane kɔɔ nʼahemfie a hwee ampusu no. 24Misraimfoɔ no tutuu nsubura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛdeɛ wɔbɛnya nsuo anom, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nsa nsuo wɔ asubɔnten no mu.

25Asubɔnten a ɛdanee mogya no dii nnawɔtwe.