2 Mose 40 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 40:1-38

1Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no na si Ahyiaeɛ Ntomadan no. 3Wosi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamutam no tware Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ. 4Afei, fa ɛpono no bɛsi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no. 5Fa sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so no bɛsi Apam Adaka no anim. Fa ɛpono no nkatanimu sɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

6“Fa ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. 7Fa atam no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na hyɛ no nsuo ma. 8Afei, siesie adihɔ bi twa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyia na fa nsɛnanimu no sɛn ne kwan no ano.

9“Fa srango no na pete gu Ahyiaeɛ Ntomadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkonnwa so, na fa te ho. 10Ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na te ho na ɛnyɛ kronkron. 11Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho.

12“Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho 13na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ. 14Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn 15na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.” 16Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade akyerɛ no no.

17Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu. 18Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa. 19Afei, ɔde nkurusoɔ no kuruu mponnwa no so de ne ngugusoɔ guguu so sane de ngugusoɔ a ɛdi akyire kuruu so sɛdeɛ Awurade se ɔnyɛ no.

20Ɔde aboɔ a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔdebɛsoa no sosɔɔ mu. Ɔde ne nkatasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkatasoɔ no kataa so. 21Afei, ɔde Apam Adaka no bɛsii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de ntwamutam no twaa mu, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

22Afei, ɔde ɛpono no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam wɔ ntwamutam no akyi, 23de Ɔkyerɛ Burodo no too so wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

24Ɔde kaneadua no sii ɛpono no nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam. 25Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ, 26ɛnna ɔde sikakɔkɔɔ afɔrebukyia sii ntwamutam no ho pɛɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 27Afei, wɔde ohwam hyee nnuhwam sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

28Ɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nsɛnanotam sɛnee ano. 29Ɔde afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no si bɛn Ahyiaeɛ Ntomadan ɛkwan no ano, ɛnna ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

30Yei akyi, ɔde atam a wɔsi mu nneɛma no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na wɔhyɛɛ no nsuo ma sɛdeɛ asɔfoɔ no bɛnya bi ahohoro wɔn ho. 31Mose ne Aaron ne Aaron mmammarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn nan ase wɔ hɔ. 32Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose no.

33Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ.

34Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa Awurade animuonyam hyɛɛ no ma. 35Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma.

36Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire. 37Na sɛ ɛgyina a, na wɔn nso agyina kɔsi sɛ ɛbɛtu atene bio. 38Awiaberɛ mu deɛ, Awurade omununkum no gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no so na sɛ ɛduru anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛdeɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛhunu. Yei toaa so saa ara wɔ wɔn akwantuo no nyinaa mu.