2 Mose 39 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 39:1-43

Asɔfotadeɛ

1Nnipa no de ntoma tuntum, bibire ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ maa asɔfoɔ no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntadeɛ kronkron no sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

2Wɔde asaawatam bi a wɔanwono afiri asaawa a wɔafira mu na wɔpam asɔfotadeɛ nkataseɛ no. 3Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa, ɛnna ɔtwitwaa no nteawanteawa sɛ ahoma na ɔde bobɔɔ ntoma tuntum, bibire ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔ yie. 4Wɔde nhoma a wɔapam sosɔɔ nkataseɛ no mu firi aseɛ bɛsii mmati nhoma mmienu no mu. 5Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

6Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no. 7Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma Awurade fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.

8Adaaboɔ no, wɔpamm no te sɛ asɔfotadeɛ a wɔde nwera amapa yɛeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ahoma ne asaawa tuntum, bibire ne koogyan anwene mu. 9Ɛyɛ ntomasini bi a wɔatwa no ahinanan na ɛfa biara susu nsateakwaa nkron a wɔapam afam so ama ayɛ sɛ kotokuo 10a aboɔdemmoɔ a wɔde asesa so nsesasoɔ nsesasoɔ ɛnan wɔ mu. Nsesasoɔ a ɛdi ɛkan no yɛ bogyanamboɔ, akarateboɔ ne ahahammonoboɔ. 11Nsesasoɔ a ɛtɔ so mmienu no yɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ. 12Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ 13ɛnna deɛ ɛtɔ so ɛnan no yɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ a emu biara wɔde sikakɔkɔɔ atwa ho ahyia. 14Wɔyɛɛ aboɔdemmoɔ no te sɛ nsɔanodeɛ bi twerɛɛ Israel mmusuakuo dumienu no din guu so.

15Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de adaaboɔ no asɔ asɔfotadeɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkawa hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ mmienu no so. 16Wɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwɛtwɛaso soro. 17Wɔde sikakɔkɔɔ nhoma mmienu no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa a ɛwɔ adaaboɔ no mu no. 18Wɔbɛkyekyere nhoma mmienu no ti de abobɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu. 19Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu nso hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so a ɛgu asɔfotadeɛ no so pɛɛ. 20Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so. 21Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na adaaboɔ no bɛgyina pɛpɛɛpɛ wɔ abɔwomu fɛfɛ no so enti, wɔde ntoma tuntum kyekyeree nkawa a ɛsosɔ adaaboɔ no ne asɔfotadeɛ no mu. Yeinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.

22Asɔfotadeɛ no fa kɛseɛ no ara deɛ, wɔde ntoma tuntum na ɛnwonoeɛ 23na wɔtwaa mfimfini tokuro pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete. 24Na wɔde bibire ne ateaa a ɛberedum ne koogyan a wɔafira yɛɛ biribi te sɛ ateaa aba de sensɛnee batakari no ase mmuano no ano. 25Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ ateaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiaeɛ. 26Sɛ Aaron hyɛ asɔfotadeɛ yi a wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba agu ano a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.

27Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ no bi maa Aaron ne ne mmammarima. 28Wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam adaaboɔ, abotire, ɛkyɛ ne nhyɛasetam ahodoɔ no. 29Bio, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam abɔwomu no na wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan dii mu adwini sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.

30Na afei, wɔboroo sikakɔkɔɔ amapa ma ɛyɛɛ trawa sɛ prɛte a wɔatwerɛ so:

Kronkron Ma Awurade.

31Wɔde ntoma tuntum na asina abɔnimu no abɔ abotire no mu sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no.

32Yei nyinaa akyi, wɔwiee Ahyiaeɛ Ntomadan no si sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnsi no no. 33Afei, wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose:

Nkyerewa, nnyinasoɔ, mmeamu nnua, mpunan ne nsisisoɔ;

34nnwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, nsɛnanotam,

35adaka no a Mmaransɛm Edu no wɔ mu ne nnua a wɔde soa Mpata Dwa no;

36Ɛpono no ne ɛho nneɛma ne Hyiadan mu Burodo;

37Sika nkaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo

38Sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, srango, aduhwam ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nsɛnanotam;

39Kɔbere afɔrebukyia, kɔbere otwidadeɛ, nnua no ne ɛho nneɛma,

deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu;

40ntwahotam a wɔde twa adihɔ hɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu,

nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano,

ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie.

41Wɔde asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.

42Enti, Israelfoɔ no dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. 43Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa hunuu sɛ biribiara ntɔ kyema wɔ ho no, ɔhyiraa wɔn, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no ara pɛ na wɔyɛeɛ.