2 Mose 37 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 37:1-29

Apam Adaka No Yɛ

1Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. 2Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ. 3Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu wɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso wɔ ɛfa baako. 4Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. 5Ɛnna wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkawa no mu, na wɔde asoa.

6Afei, ɔde sikakɔkɔɔ mapa yɛɛ ne mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. 7Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa de yɛɛ Kerubim mmienu ɛnna ɔde tetaree adaka no mmuasoɔ etire ne etire. 8Wɔde Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ, na ɛne adaka no nkatasoɔ no yɛɛ mua. 9Na Kerubim no di nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Dwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so.

10Afei, ɔde okuo yɛɛ ɛpono a ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa; ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa. 11Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho, ɛnna wɔayɛ ɛho sika hankra ahyia. 12Wɔyɛɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twaa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyiaeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ hankra faa ho. 13Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na ɔde hyehyɛɛ ɛpono no nan ɛnan no nyinaa ase. 14Ɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkawa no mu a wɔde bɛpagya ɛpono no asoa. 15Ɔde okuo nnua a ɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 16Ɔde sikakɔkɔɔ amapa yɛɛ nwowaa, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bɛdi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.

17Bio, ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinasoɔ, nʼabaa, deɛ wɔde nkanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bom yɛ adeɛ fua. 18Kaneadua no wɔ nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. 19Wɔde nhwiren mmiɛnsa siesiee nkorabata biara ho. 20Na saa ara nso na kaneadua no, wɔadi nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwini de asiesie no. 21Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Ne nyinaa yɛ nsia. 22Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa yɛ adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ.

23Afei, ɔyɛɛ nkanea nson, adaban akapɛ, ne apaawa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ. 24Na kaneadua no ne ɛho nneɛma mu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.

25Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua. 26Ɔde sikakɔkɔɔ kataa ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na ɔde sikakɔkɔɔ ntotoano twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. 27Na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de bobɔɔ afɔrebukyia no afanu nkyɛn mu wɔ aseɛ hɔ a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no bɛwurawura mu. 28Nnua a na wɔde soa no yɛ okuo nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

29Ɔfaa nnuhwamyɛfoɔ mu abenfoɔ ɛkwan so yɛɛ srango kronkron a wɔde sra asɔfoɔ ne ɔhyeɛ nnuhwam nso.

Het Boek

Exodus 37:1-29

De bouw van de ark

1Daarna bouwde Besaleël de ark. Hij bestond uit acaciahout en was 1,13 meter lang, 68 cm breed en 68 cm hoog. 2Hij overtrok de binnenkant en de buitenkant met puur goud en maakte er een gouden lijst omheen. 3Hij goot vier gouden ringen en bevestigde die aan de onderkant van de ark, twee aan elke kant. 4Daarna maakte hij van acaciahout twee draagstokken, overtrok ze met goud 5en stak ze door de ringen aan de zijkanten van de ark om hem zo te kunnen dragen.

6Toen maakte hij van puur goud het verzoendeksel, 1,13 meter lang en 68 cm breed. 7Daarna maakte hij twee gouden engelen en plaatste ze aan de beide korte kanten van het verzoendeksel. 8Zij vormden een geheel met het verzoendeksel. 9De engelen spreidden hun vleugels naar boven uit en bedekten zo het verzoendeksel. De gezichten van de engelen waren naar elkaar en op het verzoendeksel gericht.

10Toen maakte hij van acaciahout de tafel, 90 cm lang, 45 cm breed en 68 cm hoog. 11Hij overtrok hem met puur goud en maakte er een gouden lijst omheen, 12een rand van 7,5 cm breed liep rond de rand van de tafel en had op zijn beurt ook weer een gouden lijst. 13Hij goot vier gouden ringen en bevestigde die aan de buitenkant van de tafelpoten, 14vlak onder de gouden rand. 15-16 Van acaciahout maakte hij draagstokken en hij overtrok ze met goud. Het verdere toebehoren van de tafel—de schotels, schalen, kommen en kannen—maakte hij van puur goud.

17Ook de kandelaar werd van puur, gedreven goud gemaakt. Het voetstuk, de schacht, de lamphouders en de versieringen in de vorm van amandelbloesems waren helemaal uit één stuk gemaakt. 18De kandelaar telde zes armen, drie aan elke kant. 19Elke arm was versierd met afbeeldingen van bloesems. 20-21 De kandelaar zelf was versierd met amandelbloesems, een onder elke arm en een erboven, vier in totaal. 22Armen en versieringen waren allemaal uit één stuk gedreven goud. 23-24 Daarna maakte hij de zeven lampen op de armen, evenals de snuiters en de asbakjes van puur goud. De kandelaar woog in zijn geheel dertig kilo en was geheel van puur goud.

25Ook het reukofferaltaar werd van acaciahout gemaakt. Het was 45 cm in het vierkant en 90 cm hoog. De horens aan de hoeken van het altaar vormden een geheel met de rest van het altaar. 26Het hele altaar, ook de horens, werd overtrokken met puur goud en er kwam een gouden lijst omheen. 27Onder de lijst zat aan beide kanten een gouden ring als houder voor de draagstok. 28De draagstokken waren van acaciahout en met goud overtrokken.

29Van heerlijk geurende kruiden, nauwkeurig afgewogen, maakte hij de heilige zalfolie voor de wijding van de priesters en het reukwerk.