2 Mose 38 – ASCB & HTB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 38:1-31

Ɔhyeɛ Afɔdeɛ Afɔrebukyia

1Ɔhyeɛ afɔrebukyia no nso, okuo na wɔde yɛeɛ. Wɔyii no ahinanan a ne fa biara susu anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa. 2Ne ntweaso ɛnan no nyinaa na mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua a wɔde kɔbere adura ho. 3Wɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma te sɛ nkukuo, sofi, atam, adinam ne nkyɛnsee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. 4Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini. 5Wɔde nkawa ɛnan ɛnan sensɛnee otwidadeɛ no fa biara a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. 6Okuo nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. 7Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkawa no a ɛbobɔ afɔrebukyia no nkyɛn no mu. Ntaaboɔ na wɔde yɛeɛ. Na emu da ɛkwan nso.

8Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no.

9Afei, wɔyɛɛ adihɔ. Fasuo a ɛwɔ nʼanafoɔ no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛeɛ. 10Nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu na ɛsosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no nso sosɔ nsɛnanimu no mu. 11Na atifi ɔfasuo no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinasoɔ a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho.

12Atɔeɛ fam ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nnurahotam na ɛyɛɛ ɔfasuo no. Nnua edu, ne nnyinasoɔ ne dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ntweaa na na ɛma saa ɔfasuo no gyina. 13Apueeɛ fam nso, na ne trɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. 14Na adihɔ hɔ ɛkwan no wɔ apueeɛ fam a wɔde nkatanimu mmienu akata hɔ. Na nkatanimu a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa. Na nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu na na ɛkura mu. 15Na nkatanimu a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu kura mu. 16Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwonoo nnurahotam a wɔde twaa adihɔ hɔ no ho. 17Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa.

18Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no. 19Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. 20Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.

21Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so. 22Na Hur ba Uri ba Besaleel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ Mose nyinaa. 23Ne ɔboafoɔ ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfoɔ a ɔtumi twa atwerɛ gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwonofoɔ a ɔtumi de asaawatam tuntum, bibire ne koogyan di adwini gu ntoma mu. 24Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem baeɛ. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma.

25Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de baeɛ yɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan (3,400). 26Saa dwetɛ yi firi ɛtoɔ a wɔtwa maa mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ a wɔkan wɔn no. Wɔgye firii mmarima mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum ne aduonum hɔ. 27Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan. 28Dwetɛ kilogram aduonu a ɛkaeɛ no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampam, de bi yɛɛ mpomma no ne nkɔtɔkorɔ no.

29Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde baeɛ no nso, na ɛyɛ kilogram mpem mmienu ne ahanan (2,400). 30Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, kɔbere mfrafraeɛ otwidadeɛ, 31afɔrebukyia no so nneɛma, adum no nnyinasodeɛ a ɛkura nnurahotam a ɛtwa adihɔ no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiaeɛ Ntomadan no de yɛɛ adihɔ hɔ adwuma nyinaa.

Het Boek

Exodus 38:1-31

Het altaar in de voorhof

1Het brandofferaltaar werd van acaciahout gemaakt, 2,25 meter in het vierkant en 1,35 meter hoog. 2Aan de vier hoeken zaten horens, die een geheel vormden met het altaar. Hij overtrok ze met koper. 3Al het toebehoren van het altaar—potten, scheppen, schalen, vleeshaken en vuurpannen—werd van koper gemaakt. 4Daarna maakte hij een koperen rooster dat op ongeveer de helft van de hoogte van het altaar werd aangebracht. 5Aan de vier hoeken van het rooster maakte hij vier ringen voor de draagstokken. 6De draagstokken maakte hij van acaciahout en overtrok ze met koper. 7De draagstokken werden in de ringen aan de zijkant van het altaar geschoven om het te kunnen dragen. Het altaar was van planken gemaakt en hol.

8Het koperen wasvat met het koperen voetstuk werd gemaakt van de koperen spiegels die de vrouwen die dienst deden bij de ingang van de tabernakel, hadden gegeven.

9Toen bouwde hij de voorhof. De zuidelijke kant was 45 meter lang en bestond uit geweven gordijnen van getwijnd fijn linnen. 10Langs de kant stonden twintig koperen pilaren met koperen voetstukken en zilveren stangen en haken om de gordijnen aan op te hangen. 11De noordkant van de voorhof was ook 45 meter lang, met twintig koperen pilaren op koperen voetstukken en zilveren stangen met zilveren haken. 12De westkant van de voorhof was 22,5 meter lang en bestond uit gordijnen die hingen aan tien koperen pilaren op koperen voetstukken met zilveren stangen en haken. 13De oostkant was eveneens 22,5 meter lang. 14-15 De gordijnen aan weerszijden van de ingang van de voorhof waren 6,75 meter lang, elk met drie pilaren en drie voetstukken. 16Alle gordijnen die de muren van de voorhof vormden, waren geweven van getwijnd fijn linnen. 17Elke pilaar had een koperen voetstuk, alle stangen en haken waren van zilver. De bovenzijden van de pilaren waren met zilver overtrokken en de stangen waaraan de gordijnen hingen, waren van puur zilver. 18Het gordijn voor de ingang van de voorhof was een prachtig stuk weefwerk van blauwpurper, roodpurper, scharlaken en getwijnd fijn linnen. Het was 9 meter lang en 2,25 meter breed, net als de andere gordijnen rond de voorhof. 19Het was opgehangen aan vier pilaren op koperen voetstukken, met zilveren stangen en haken. De bovenkanten van de pilaren waren met zilver overtrokken. 20Alle pennen die werden gebruikt voor het vastzetten van de tabernakel, waren van koper.

21Hier volgt een opsomming van de materialen die bij de bouw van de tabernakel werden gebruikt. Onder leiding van Itamar, de zoon van de priester Aäron, en in opdracht van Mozes, telden de Levieten alles. 22Besaleël maakte alles precies zoals de Here het Mozes had laten zien. 23Hij werd daarbij geholpen door Oholiab, de zoon van Achisamach, uit de stam Dan. Beiden waren uitstekende vaklui en experts op het gebied van houtbewerking, metaalbewerking en het weven van kleurige weefsels met blauwpurper, roodpurper, scharlaken en fijn linnen. 24Het volk bracht in totaal 878 kilo goud bijeen, wat allemaal werd gebruikt voor de tabernakel. 25-26 De hoeveelheid zilver bedroeg 3195 kilo, bijeengebracht via de gave van 5,5 gram per persoon, gerekend naar alle mannen die bij de telling twintig jaar of ouder waren. Het totaal aantal mannen bedroeg 603.550. 27Voor de panelen in het heiligdom en de pilaren die het gordijn ondersteunden, werd drieduizend kilo zilver gebruikt, dertig kilo per voetstuk. 28Het overgebleven zilver, 195 kilo in totaal, werd gebruikt voor de bovenkanten van de pilaren en voor de stangen en haken. 29Het volk bracht 2126 kilo koper bijeen. 30Daarvan werden de voetstukken van de pilaren bij de ingang van de tabernakel, het koperen altaar met het koperen rooster en al het toebehoren, 31de voetstukken van de pilaren rond de voorhof en bij de ingang van de voorhof en alle pennen van de tabernakel en de voorhof gemaakt.