1 Samuel 11 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 11:1-15

Saulo Di Amonfoɔ So Nkonim

1Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”

2Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”

3Na Yabes mpanin no buaa sɛ, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfoɔ mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafoɔ amma ammɛgye yɛn deɛ a, yɛbɛpene wo nhyehyɛeɛ no so.”

4Abɔfoɔ no bɛduruu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfoɔ maa wɔn nyinaa suiɛ. 5Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?” Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes hɔ aba no ho amanneɛ.

6Onyankopɔn honhom bɛsii Saulo so dendeenden. Na ne bo fuu yie. 7Ɔfaa anantwie mmienu, twitwaa wɔn asinasini, na wɔmaa abɔfoɔ no soa kyinii Israel nyinaa, de saa nkratoɔ yi kaa ho sɛ, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwie bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuo no. Enti, wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. 8Ɛberɛ a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodoɔ yɛ ɔpehasa ne Yudafoɔ a wɔn dodoɔ yɛ ɔpeduasa.

9Enti, Saulo somaa abɔfoɔ no ma wɔsane wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔkyena awia prɛmtoberɛ mu, yɛbɛyi mo afiri mo ahokyere no mu.” Abɔfoɔ no duruu kuro no mu no, anigyeɛ bunkam faa hɔ. 10Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛ, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na deɛ mopɛ no, monyɛ yɛn.”

11Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru hɔ dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhunu sɛ wɔn mu baanu bi gyina baabi.

12Afei, nnipa no teaam frɛɛ Samuel sɛ, “Nnipa a wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so ɔhene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yɛnkum wɔn.”

13Nanso, Saulo buaa sɛ, “Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, Awurade agye Israel ɛnnɛ.”

14Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkɔsi Saulo ahennie no so dua.” 15Enti, wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo sahenekyɛ wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade, na Saulo ne Israelfoɔ nyinaa ani gyeeɛ.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒母耳記上 11:1-15

掃羅打敗亞捫人

1亞捫拿轄率軍上來圍困基列·雅比,城內的居民對拿轄說:「你與我們立約吧!我們願意服從你。」 2亞捫拿轄說:「好,但有一個條件,我要挖去你們每一個人的右眼作為對全體以色列人的羞辱。」 3雅比的長老說:「請寬限我們七天,我們好派遣使者去以色列全境。要是沒有人來營救我們,我們就向你投降。」 4雅比的使者來到掃羅的家鄉基比亞,把他們的情況告訴眾人,大家聽了放聲大哭。 5那時掃羅剛好趕著牛從田間回來,便問道:「發生了什麼事?為什麼大家都在哭?」百姓把雅比的情況告訴了他。 6掃羅聽後,上帝的靈降在他身上,他勃然大怒, 7牽來兩頭牛,把牠們切成碎塊,然後派使者把碎塊分發到以色列全境,並且宣佈:「誰拒絕跟隨掃羅撒母耳出戰,他的牛就要被砍成這樣。」上帝使百姓充滿恐懼,他們都同心合意地回應。 8掃羅比色統計以色列人,共有三十萬,從猶大來的有三萬。 9他們讓雅比的使者回去告訴基列·雅比人,說:「明天中午,你們必得拯救。」使者回去告訴雅比人,他們非常歡喜, 10便對亞捫人說:「明天我們會出來歸順你們,你們怎樣對待我們都可以。」 11第二天,掃羅以色列人分成三隊,在黎明時分突襲亞捫人的軍營,把他們殺得大敗,直到中午才收兵。亞捫人的殘兵四散奔逃。

12以色列人對撒母耳說:「是誰說掃羅不該做王?把他們帶來,我們要處死他們。」 13掃羅卻說:「今天不可殺人,因為今天耶和華拯救了以色列。」 14撒母耳對民眾說:「來吧,我們到吉甲去,在那裡重新立國。」 15於是,他們來到吉甲,在耶和華面前立掃羅為王,又向耶和華獻上平安祭。掃羅和全體以色列人都非常歡喜。