2 Samuel 1 – ASCB & CCBT

Asante Twi Contemporary Bible

2 Samuel 1:1-27

Dawid Te Saulo Owuo

1Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu. 2Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.

3Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?”

Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.”

4Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?”

Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”

5Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”

6Aberanteɛ no buaa sɛ, “Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo sɛ Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara. 7Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’

8“Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’

“Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’

9“Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’

10“Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”

11Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. 12Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.

13Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?”

Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.”

14Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?”

15Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no. 16Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.”

Dawid Dwom A Ɔhyehyɛ Maa Saulo Ne Yonatan

17Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan. 18Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu.

19“Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so!

Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

20“Monnka asɛm yi wɔ Gat,1.20 Gat ne Askelon yɛ Filistia nkuro.

na Filistifoɔ abɔ ose!

Monnka wɔ Askelon mmɔntene so,

na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.

21“Ao Gilboa mmepɔ,

mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so,

anaa wo nsianeɛ so.

Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi;

wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio.

22“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ!

Wɔamfiri akono amma no nsapan.

23Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn

na na Saulo ne Yonatan nni,

wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu.

Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ;

na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata.

24“Ao, Israel mmaa,

monsu Saulo,

ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa,

hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.

25“Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono.

Yonatan awu da mmepɔ no so.

26Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan;

Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ!

Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ;

emu dɔ sene mmaa dɔ!

27“Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ!

Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒母耳記下 1:1-27

大衛得知掃羅的死訊

1大衛戰勝了亞瑪力人之後便回到洗革拉,在那裡住了兩天。那時掃羅已經死了。 2第三天,有一個衣服撕裂、頭蒙灰塵的人從掃羅軍營中跑到大衛面前,俯伏下拜。 3大衛問他:「你從哪裡來?」那人答道:「我是從以色列軍營逃出來的。」 4大衛說:「請告訴我那邊的情況。」他說:「以色列軍潰逃,傷亡慘重,掃羅和他兒子約拿單都死了!」 5大衛又問報信的青年:「你怎麼知道掃羅和他兒子約拿單死了?」 6青年說:「我偶然到基利波山,看見掃羅在那裡扶槍而立,敵人的戰車騎兵緊緊追來。 7他回頭看到我,便呼喚我。我說,『我在這裡。』 8他問我是什麼人。我告訴他我是亞瑪力人。 9掃羅說他痛苦難當,卻又死不掉,要我殺了他。 10我知道他身受重傷,必死無疑,就把他殺了,並取下他頭上的王冠和臂上的鐲子帶來獻給我主。」

11大衛就撕裂衣服,他的隨從也撕裂衣服。 12他們因掃羅、他的兒子約拿單和耶和華的子民——以色列同胞陣亡而悲哀痛哭,禁食直到黃昏。 13大衛又問報信的青年:「你是哪裡的人?」他答道:「我是寄居在以色列亞瑪力人。」 14大衛說:「你怎麼敢下手殺耶和華所膏立的王? 15-16你是咎由自取!因為你親口承認自己殺了耶和華所膏立的王。」大衛隨即命令一個年輕的隨從殺死他,隨從便殺死了他。

大衛的哀歌

17大衛作了一首輓歌哀悼掃羅和他兒子約拿單18並吩咐人教導猶大人唱這首弓歌。這首歌記在《雅煞珥書》上,歌詞說:

19以色列啊,

你榮耀的王伏屍山上,

偉大的勇士竟然倒下!

20不要在迦特宣告,

不要在亞實基倫的街上傳揚,

免得非利士的婦女幸災樂禍,

免得未受割禮之人的女子歡喜雀躍。

21基利波山啊,願你沒有雨露,

你的田地不長獻祭用的五穀,

因為在那裡勇士的盾牌污跡斑斑,

掃羅的盾牌沒有抹油。

22約拿單的弓射敵無數,

掃羅的劍不殺強敵不收回。

23掃羅約拿單深受愛戴,

生死不分離。

他們比鷹更敏捷,

比獅子還強壯。

24以色列的女子啊,

掃羅哀哭吧!

他曾使你們衣服華美,

穿金戴銀。

25「勇士竟戰死沙場!

約拿單竟伏屍山上!

26我的兄弟約拿單啊,

我為你悲傷,

你對我情深義重,

你對我的愛勝過女人的戀情。

27「偉大的勇士竟然倒下!

兵器竟然長埋!」