1 Ahemfo 7 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 7:1-51

Salomo Si Nʼahemfie

1Salomo sane sii ɔno ankasa nʼahemfie. Na mfirinhyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfie no sie. 2Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwaeɛm Ahemfie.7.2 Na wɔfrɛ no Lebanon Kwaeɛ Ahemfie ɛfiri sɛ, na wɔahyehyɛ sida adum no te sɛ kwaeɛm nnua. Na sida no firi Lebanon. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntweneduro nsamsoɔ no mpunan no deda ntweneduro fadum ɛnan a wɔatoto ahyehyɛ no tee so. 3Na wɔabɔ ntweneduro nsamsoɔ a ɛtwere mpunan aduanan enum a ɛno nso gugu fadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenesoɔ mmiɛnsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenesoɔ baako biara mu. 4Afasuo no fa biara, mpomma sesa so mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu. 5Apono no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu.

6Ɔsii afadum asa a ne ntentenemu yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntwonoo a wɔakuru so wɔ animu a ɛsi afadum so.

7Na ahennwa asa a na wɔnim no sɛ atemmuo asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena, di nsɛm. Na wɔde ntweneduro asam firi fam, de kɔsi nsamsoɔ so. 8Baabi a na Salomo teɛ no twa asɛnniiɛ a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɛkwan korɔ no ara so na wɔfa de siiɛ. Ɔsii ne dan no sɛso de maa Farao babaa a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.

9Aboɔ akɛseɛ a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne boɔ yɛ den yie na wɔde sii saa adan no. 10Aboɔ a wɔde too ɛdan no fapem no ntentenemu yɛ anammɔn dunum, ɛnna ebi nso ntentenemu yɛ anammɔn dumienu. 11Aboɔ a ne boɔ yɛ den yie a wɔde sii afasuo no nso, na wɔasusu, atwa no pɛpɛɛpɛ a ntweneduro mpunan nso ka ho. 12Adihɔ kɛseɛ no afasuo no nso, wɔto de ntweneduro mpunan aduntire baako biara too aboɔ a wɔatwa aduntire mmiɛnsa biara so, te sɛ afasuo a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwonoo kwan ka ho.

Nneɛma A Wɔde Siesie Asɔredan No Mu

13Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ɔfiri Tiro a ne din de Huram ase sɛ ɔmfiri Tiro mmra, 14ɛfiri sɛ, na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri sɛ, ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnane nnadeɛ wɔ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.

15Huram twaa kɔbere mfrafraeɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson, ɛnna ne kankomu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. 16Afadum no apampam no, ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ aduntire a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa. 17Ntaasoɔ biara nso, wɔde atena a wɔanwono nson ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho. 18Na ɔyɛɛ ateaa nsɛso a ɛsesa so tee mmienu bebaree atena a wɔanwono no de siesiee aduntire a ɛwɔ afadum no atifi. 19Ntaasoɔ a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwonoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia. 20Ntaasoɔ biara a na ɛwɔ afadum mmienu no so no nso, na ateaa nsɛso ahanu a wɔahyehyɛ no tee tee mmienu atwa ho ahyia a, ɛbɛn kankonimu a ɛtoa atena a wɔanwono no so. 21Huram de afadum no sisii Asɔredan no ɛkwan ano a baako kyerɛ anafoɔ fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafoɔ fam no din Yakin (Ɔde atim hɔ) ɛnna deɛ ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ). 22Afadum no aduntire no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.

23Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso yɛ anammɔn aduanan enum. 24Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam yɛ anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ sɛ dwaresɛn no fa bi.

25Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 26Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte sɛ sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako.

27Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu yɛ anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso yɛ anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa. 28Na sɛdeɛ wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ mfomfamsoɔ ntrawantrawa a wɔabram so. 29Wɔde agyata, anantwie ne Kerubim a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnadeɛ a wɔde bram ɛpono akyi no. Agyata no ne anantwie no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn. 30Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no wɔ nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini. 31Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinasoɔ kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, kɔ soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. 32Mfomfamsoɔ no ase na ntwahonan ɛnan a wɔde atoa ntwahodadeɛ so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na ɛfiri ntwahonan no kanko ano kɔsi ano yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa, 33a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan mmienu. Emu ntwahodadeɛ, mpadeɛ, hankra ne ne brɛmo no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.

34Na teaseɛnam no ahanan nyinaa nsosɔmu wowɔ hɔ, na ne nyinaa nso, wɔagu atoa mu baako, ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. 35Nteaseɛnam no mu biara atifi no, na na hankra bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa nkron wɔ. Nsosɔmu no ne nkyɛnkyɛn mfomfamsoɔ no nso, wɔagu ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. 36Wɔde Kerubim, agyata ne mmɛdua a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnyinasoɔ ahodoɔ no ho baabiara a ɛkwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia. 37Nsuo nteaseɛnam edu no, na ne nyinaa akɛseɛ yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na wɔguu ne nyinaa wɔ ade korɔ mu.

38Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu. 39Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum wɔ Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso wɔ atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so. 40Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia.

Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:

41afadum mmienu,

aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,

nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no,

42ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no),

43nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ,

44Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ,

45Nkukuo, sofi ne dwaresɛn.

Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. 46Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 47Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari.

48Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:

sikakɔkɔɔ afɔrebukyia,

sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ,

49sikakɔkɔɔ kaneadua7.49 Na kaneadua baako a ɛwɔ mman nson na na ɛwɔ ntomadan no mu (2 Mose 25.31-40; 26.35). Salomo de nkaneadua edu sii anan. a ɛnnum sisi anafoɔ fam,

na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ;

nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,

50nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara;

ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.

51Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.