1 Ahemfo 6 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 6:1-38

Salomo Si Asɔredan No

1Mfeɛ ahanan aduɔwɔtwe a wɔgyee Israelfoɔ firii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so ɔhene mfeɛ ɛnan no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no.

2Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tentenemu yɛ anammɔn aduɔkron, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. 3Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene yɛ anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu yɛ pɛ. Na, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum. 4Salomo yɛɛ ntokua wɔ ɔfasuo no soro hyiaeɛ. 5Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ. 6Na ɛyɛ aborɔsan a ɛtoa so mmiɛnsa a aseɛ dan no tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn nson ne fa. Aborɔsan a ɛtɔ so mmienu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron ɛnna apampam dan no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Wɔde mpunan a ɛgugu nnannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasuo no mu na aka adan no afomfam ɔfasuo no ho. Enti, ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpunan no anhyehyɛ ɔfasuo no ankasa mu.

7Na aboɔ a wɔde sii asɔredan no nso, wɔsiesiee ho wɔ abopaebea hɔ enti, ɛdan no sie no, obi ante hama, pɛeɛ anaa dadeɛ biara nnyegyeeɛ wɔ adansiiɛ hɔ.

8Na ɛkwan a wɔde kɔ aseɛ adan no mu no da Asɔredan no anafoɔ fam. Atwedeɛ kyinkyimiɛ na wɔforo kɔ ɛdan a ɛto so mmienu no so na foforɔ nso wɔ adan a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no ntam. 9Wɔwiee asɔredan no sie no, Salomo de nnua ne ntweneduro mpunan yɛɛ ani nsamsoɔ no. 10Sɛdeɛ wɔaka no, na adan wowɔ ɛdan no afanan nyinaa a wɔnam ntweneduro so de afam Asɔredan no afasuo no ho. Ɛdan no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson.

11Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo sɛ, 12“Ɛfa saa Asɔredan a woresie yi ho no, sɛ woyɛ ɔsetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛeɛ a, na wodi me ɔhyɛ nsɛm so a, menam wo so bɛdi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. 13Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da.”

Asɔredan No Mu Asiesie

14Na Salomo wiee asɔredan no sie. 15Na emu nyinaa, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no, wɔde nnua na ɛkataa ɔfasuo no anim. Wɔde tweneduro na ɛkataa ɔfasuo no anim, na wɔde pepeaa kataa abrannaa no so. 16Ɔtwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no tiri mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ atweeɛmu yɛ anammɔn aduasa a wɔde ntweneduro asam fam hɔ, de kɔsi ani nsameeɛ no so. 17Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduosia. 18Wɔde ntweneduro na ɛsam aboɔ afasuo a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wɔsenee nkoraa fɛfɛ ne nhwiren, de dii nsameeɛ no ani adwini.

19Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no bɛsi. 20Saa kronkron mu kronkron no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ amapa duraa nʼafasuo ne ne nsamsoɔ no ho nyinaa. Saa ara na ɔduraa afɔrebukyia a wɔde ntweneduro ayɛ no ho. 21Afei, asɔredan no mu nkaeɛ no, ɔde sikakɔkɔɔ amapa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɛkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban. 22Enti, ɔde sikakɔkɔɔ sam Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔrebukyia no nyinaa ho, de wieeɛ.

23Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngo dua senee Kerubim mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ. 24Kerubim baako biara ataban mu trɛ yɛ anammɔn dunum a, ataban baako biara tenten yɛ anammɔn nson ne fa. 25Na Kerubim mmienu no nyinaa tebea ne wɔn kɛseɛ yɛ pɛ 26a ɔbaako biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. 27Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini. 28Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa Kerubim mmienu no ho.

29Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho. 30Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan mmienu no abrannaa so.

31Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum. 32Saa apono no ho nso, na wɔadi Kerubim, mmɛdua ne nhwiren adwini, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33Afei, ɔde ngo dua yɛɛ aponnwa a emu biara wɔ twɛtwɛwa ɛnan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu. 34Ɔde pepeaa nnua yɛɛ apono mmienu a wɔbobɔ, na wɔsii ɛpono no biara ɛkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔ gu ɛno ara so. 35Saa apono yi, wɔde Kerubim, mmɛdua, ne nhwiren adi ho adwini, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

36Wɔsii adihɔ hɔ afasuo no kwan bi so a ntweneduro nnua ntosoɔ baako wɔ aboɔ a wɔatwa ntotosoɔ mmiɛnsa biara so.

37Wɔtwaa Awurade Asɔredan fapem no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mfimfini a saa ɛberɛ no na Salomo adi ɔhene mfeɛ ɛnan no. 38Wɔwiee ɛdan no ho biribiara bosome Bul (bɛyɛ Obubuo) mfimfini no a na wadi ɔhene mfeɛ dubaako. Enti, mfeɛ nson na wɔde sii asɔredan no.