1 Ahemfo 13 – ASCB & NIRV

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 13:1-34

Odiyifoɔ Bi Ka Tia Yeroboam

1Awurade hyɛɛ Onyame onipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na ɔduruu hɔ ɛberɛ a na Yeroboam rekɔ afɔrebukyia no ho akɔbɔ afɔdeɛ. 2Na ɔfiri Awurade ɔhyɛ nsɛm mu teaam guu afɔrebukyia no sɛ, “Ao, afɔrebukyia! Afɔrebukyia! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no edin Yosia ato Dawid fie, na wo so na ɔde asɔfoɔ a wɔfiri asɔreeɛ so ha a wɔhye aduhwam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔdeɛ!’ ” 3Ɛda no ara, Onyankopɔn onipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na ɔkaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade ada no adi. Afɔrebukyia no mu bɛpae mmienu, na nsõ a ɛgu soɔ no ahwie agu.”

4Ɔhene Yeroboam bo fuu Onyame onipa yi sɛ wakasa atia afɔrebukyia yi. Enti ɔtenee ne nsa wɔ ne so, teaam sɛ, “Monkyere no!” Nanso, ne nsa a ɔtenee wɔ ɔbarima no so no senseneeɛ a wantumi anyɛ ho hwee. 5Na afɔrebukyia no mu paee mmienu, na nsõ a ɛgu so no hwie guiɛ, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn onipa nam Awurade ɔhyɛ nsɛm so daa no adi kyerɛeɛ no.

6Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Srɛ Awurade, wo Onyankopɔn, ma me na me nsa no nnya ahoɔden.” Enti, Onyankopɔn onipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

7Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Ma yɛnkɔ fie, na kɔdidi, na mɛma wo akyɛdeɛ bi.”

8Nanso, Onyankopɔn onipa no buaa no sɛ, “Mpo, sɛ wode wʼagyapadeɛ mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na burodo nso, merenni na manom nsuo wɔ ha. 9Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi burodo anaa wonom nsuo wɔ hɔ. Afei, nsane mfa ɛkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ ” 10Enti, ɔfiri Bet-El faa ɛkwan foforɔ so, sɛ ɔrekɔ efie.

11Na ɛbaa sɛ na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Bet-El. Ne mmammarima bɛkaa deɛ Onyankopɔn onipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa, kyerɛɛ wɔn agya no. 12Odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa wɔn sɛ, “Na ɔfaa he?” Na ne mmammarima no kyerɛɛ no kwan a Onyankopɔn onipa no faa so kɔeɛ. 13Ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no no, ɔhuri tenaa ne so 14tii Onyankopɔn onipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifoɔ akɔkoraa no bisaa no sɛ, “Wo ne Onyankopɔn onipa a wofiri Yuda no anaa?”

Ɔbuaa no sɛ, “Aane, me a.”

15Afei, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ efie, na kɔdidi.”

16Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha. 17Awurade hyɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wodi aduane biara anaa wonom nsuo ɛberɛ a wowɔ hɔ, anaa wofa ɛkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so sane wʼakyi.’ ”

18Odiyifoɔ akɔkoraa no buaa sɛ, “Me nso, meyɛ odiyifoɔ sɛ wo ara. Na ɔbɔfoɔ bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa no sane bra wo fie, na ɔmmɛdidi na ɔnnom nsuo.’ ” Nanso na odiyifoɔ akɔkoraa no redaadaa no. 19Enti, Onyankopɔn onipa no ne no sane kɔeɛ, kɔdidi nomee wɔ ne fie.

20Ɛberɛ a wɔte didipono ho redidi no, nkra firi Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ akɔkoraa no so. 21Ɔteaam guu Onyankopɔn onipa a ɔfiri Yuda no so sɛ, “Sei na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛdeɛ a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. 22Wosane baa ha bɛdii aduane, nom nsuo, nanso ɔka kyerɛɛ wo sɛ nni hwee, nnom hwee. Esiane yei enti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom damena mu.” 23Na Onyankopɔn onipa no didi nom wieeɛ no, odiyifoɔ no hyehyɛɛ nʼafunumu no maa no, 24na Onyankopɔn onipa no sii ɛkwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bɛkumm no. Nʼamu no daa ɛkwan mu a, na afunumu no ne gyata no gyinagyina ho. 25Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɛkwan mu a gyata no gyina ho. Enti, wɔkɔbɔɔ amaneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifoɔ akɔkoraa no te hɔ.

26Ɛberɛ a odiyifoɔ akɔkoraa no tee asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a wanni Awurade ahyɛdeɛ so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata to hyɛɛ no so, kumm no.”

27Na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Monhyehyɛ afunumu no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afunumu no. 28Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so. 29Enti, odiyifoɔ no faa Onyankopɔn onipa no amu no de no too nʼafunumu no so, sane de no kɔɔ kurom, kɔsuu no, siee no. 30Ɔde amu no too nʼankasa ne damena mu, firii awerɛhoɔ mu, suu no sɛ, “Ao, me nua!”

31Akyire yi, odiyifoɔ no ka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ, “Sɛ mɛwu a, monsie me wɔ damena a wɔasie Onyankopɔn onipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. 32Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ntia afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ne abosomfie no a ɛwowɔ Samaria nkuro so no, ɛbɛba mu.”

33Nanso, yei akyi koraa no, Yeroboam annane ne ho amfiri nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfoɔ firi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, ɔtumi yɛɛ ɔsɔfoɔ wɔ abosomfie hɔ. 34Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, ma ne fiefoɔ nyinaa wuwuiɛ.

New International Reader’s Version

1 Kings 13:1-34

A Man of God From Judah

1A man of God went from Judah to Bethel. He had received a message from the Lord. He arrived in Bethel just as Jeroboam was standing by the altar to offer a sacrifice. 2The man cried out. He shouted a message from the Lord against the altar. He said, “Altar! Altar! The Lord says, ‘A son named Josiah will be born into the royal family of David. Altar, listen to me! Josiah will sacrifice the priests of the high places on you. They will be the children of the priests who are offering sacrifices here. So human bones will be burned on you.’ ” 3That same day the man of God spoke about a miraculous sign. He said, “Here is the sign the Lord has announced. This altar will be broken to pieces. The ashes on it will be spilled out.”

4The man of God announced that message against the altar at Bethel. When King Jeroboam heard it, he reached out his hand from the altar. He said, “Grab him!” But as he reached out his hand toward the man, it dried up. He couldn’t even pull it back. 5Also, the altar broke into pieces. Its ashes spilled out. That happened in keeping with the miraculous sign the man of God had announced. He had received a message from the Lord.

6King Jeroboam spoke to the man of God. He said, “Pray to the Lord your God for me. Pray that my hand will be as good as new again.” So the man of God prayed to the Lord for the king. And the king’s hand became as good as new. It was just as healthy as it had been before.

7The king said to the man of God, “Come home with me for a meal. I’ll give you a gift.”

8But the man of God replied to the king. He said, “What if you were to give me half of what you own? Even then I wouldn’t go with you. I wouldn’t eat bread or drink water here. 9The Lord gave me a command. He said, ‘Do not eat bread or drink water there. Do not return the same way you came.’ ” 10So he took another road. He didn’t go back on the same road he had taken when he came to Bethel.

11An old prophet was living in Bethel. His sons came and spoke to him. They told him everything the man of God had done there that day. They also told their father what the man had said to the king. 12Their father asked them, “Which way did he go?” His sons showed him the road the man of God from Judah had taken. 13So he said to his sons, “Put a saddle on the donkey for me.” When they had done it, he got on the donkey. 14He traveled on the same road the man of God had taken. He found the man sitting under an oak tree. He asked him, “Are you the man of God who came from Judah?”

“I am,” he replied.

15So the prophet said to him, “Come home with me. I’ll give you something to eat.”

16The man of God said, “I can’t go back to Bethel with you. I can’t eat bread or drink water with you there. 17I’ve received a message from the Lord. He told me, ‘Do not eat bread or drink water there. Do not return the same way you came.’ ”

18The old prophet answered, “I’m also a prophet, just like you. An angel gave me a message from the Lord. The message said, ‘Bring the man of God back with you to your house. Then he can eat bread and drink water with you.’ ” But the old prophet was telling him a lie. 19The man of God returned with him. He ate and drank in his house.

20They were sitting at the table. The Lord gave a message to the old prophet who had brought the man of God back. 21He cried out to the man who had come from Judah. He told him, “The Lord says, ‘You have not done what I told you to do. You have not obeyed the command I gave you. I am the Lord your God. 22You came back here and ate bread and drank water. You did it in the place where I told you not to. So your body will not be buried in your family tomb.’ ”

23The man of God finished eating and drinking. Then the old prophet who had brought him back put a saddle on the man’s donkey for him. 24And the man went on his way. A lion attacked him on the road and killed him. His body was left lying on the road. The donkey and the lion were standing beside it. 25Some people passed by. They saw the body lying on the road. They saw the lion standing beside the body. Then they went and reported it in the city where the old prophet lived.

26The prophet who had brought the man back from his journey heard about what had happened. He said, “It’s the man of God. He didn’t do what the Lord told him to do. So the Lord has given him over to the lion. The lion has attacked him and killed him. Everything has happened just as the Lord’s message had warned him it would.”

27The old prophet said to his sons, “Put a saddle on the donkey for me.” So they did. 28Then he went out. He found the body of the man of God lying on the road. The donkey and the lion were standing beside it. The lion hadn’t eaten the body. It hadn’t attacked the donkey either. 29So the prophet picked up the man’s body. He put it on the donkey. He brought it back to his own city. He wanted to mourn for him and bury him. 30Then he placed the body in his own tomb. People mourned for him. They said, “Oh, no, my friend! My dear friend!”

31After the old prophet had buried the man of God, he spoke to his sons. He said, “When I die, bury me in the grave where the man of God is buried. Put my bones next to his bones. 32I want you to do that because he announced a message from the Lord. He spoke against the altar in Bethel. He also spoke against all the temples that are on the high places. They are in the towns of Samaria. What the man of God said will certainly come true.”

33Even after all of that happened, Jeroboam still didn’t change his evil ways. Once more he appointed priests for the high places. He made priests out of all kinds of people. In fact, he let anyone become a priest who wanted to. He set them apart to serve at the high places. 34All of that was the great sin the royal family of Jeroboam committed. It led to their fall from power. Because of it, they were destroyed from the face of the earth.