Yosua 16 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 16:1-10

Efraim Ne Manase Agyapade

1Yosef asefo no kyɛfa fi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apuei fam, kɔfa sare no so kopue Bet-El bepɔw asase no so. 2Efi Bet-El, a ɛyɛ Lus, a ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifo mantam mu. 3Esian fa atɔe fam kosi Bet-Horon Anafo a ɛwɔ Yafletifo mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akosi Po Kɛse no mu.

4Yosef mmabarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapade.

Asase A Wɔde Maa Efraim

5Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapade.

Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi hɔ kɔ Bet-Horon Soro, 6na akɔ Po Kɛse no ho. Atifi fam hye no fi Po Kɛse no, ɛfa apuei fam, twa mu wɔ Mikmetat, na akɔntɔn afa apuei fam, atwa mu wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apuei fam. 7Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8Efi Tapua a, ɔhye no kɔ atɔe fam, nam Kana Suka no mu kosi Po Kɛse no. Saa agyapade yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuw no.

9Wɔde nkurow bi ne wɔn nkuraase a ɛwɔ Manase abusuakuw no fa mantam mu maa Efraim.

10Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te hɔ sɛ nkoa de besi nnɛ.