Yosua 15 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 15:1-63

Yuda Abusuakuw No Asase

1Asase a wɔde maa mmusua a wobom yɛ Yuda abusuakuw no koduu Edom hye so wɔ anafo fam, na Sin sare so na ɛkɔpem.

2Anafo fam hye no fitii ase wɔ Nkyene Po no awiei a ɛwɔ anafo fam, 3sen faa Akrabbim kosii Sin sare so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafo fam kosii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kosii Adar na ɛpono kɔɔ Karka. 4Etwaa mu ha kɔɔ Asmon koduu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kowiee wɔ Po Kɛse no mu. Eyi ne wɔn anafo fam hye.

5Apuei fam hye no fi Nkyene Po no kodu Asubɔnten Yordan ano.

Atifi fam hye no fi beae a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Po no mu, 6twa mu kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan bo (Na Bohan yɛ Ruben babarima) no ho. 7Efi hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bon no mu kɔka Debir, na ɛdan wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a etwa mu fi Adumim nsian mu wɔ anafo fam wɔ obon no nkyɛn mu. Efi hɔ a, ɔhye no sen kosi En-Semes nsu no ano, na akɔpem En-Rogel. 8Afei, ɔhye no fa Hinom babarima bon no mu, kɔfa Yebusifo anafo nsian so, nea Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔe fam wɔ bepɔw no apampam, toa so kɔ Hinom bon no so kosi Refaim bon ano wɔ atifi fam. 9Efi hɔ a, ɔhye no toa so kɔfa bepɔw no apampam kɔ Neftoa asuti no nsu ho, fi hɔ akɔ nkurow a ɛdeda Efron bepɔw so no. Na ebukaw kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.) 10Ɔhye no twa fa Baala ho wɔ atɔe fam kosi bepɔw Seir so, ɛkɔ ara kosi Kesalon kurom wɔ bepɔw Yearim atifi nsian so, na akɔ fam akosi Bet-Semes ne Timna. 11Ɔhye no kɔɔ ara kosii bepɔw no nsian a ɛwɔ Ekron atifi fam no, dan kyerɛɛ Sikron, faa hɔ kɔɔ Baala bepɔw no de koduu Yabneel. Ɔhye no kɔpem Po Kɛse no.

12Na atɔe fam hye no nso ne Ntam Po no mpoano.

Eyinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuw no ahye.

Asase A Wɔde Maa Kaleb

13Awurade hyɛɛ Yosua se ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no. 14Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefo no fii hɔ. 15Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kurow Debir (a kan no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no. 16Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” 17Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so nti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.

18Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ommisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa fii nʼafurum so sii fam no, Kaleb bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?”

19Ɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ me adom sononko. Woayɛ adom, ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti Kaleb maa no ɔsoro ne fam nsuwansuwa asase.

Nkurow A Ɛbɛyɛɛ Yuda Agyapade

20Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuw no agyapade.

21Na Yudafo nkurow a ɛdeda Edom ahye so wɔ anafo pɛɛ no ne:

Kabseel ne Eder ne Yagur, 22Kina ne Dimona ne Adada, 23Kedes ne Hasor ne Itnan, 24Sif ne Telem ne Bealot, 25Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor), 26Amam ne Sema ne Molada, 27Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet, 28Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia, 29Baala ne Iim ne Esem, 30El-Tolad ne Kesil ne Horma, 31Siklag ne Madmana ne Sansana, 32Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkurow yi nyinaa ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia dodow yɛ aduonu akron.

33Saa nkurow a na ɛwɔ atɔe fam nkoko no so, a wɔde maa Yuda ni:

Estaol ne Sora ne Asna. 34Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam, 35Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, 36Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunan.

37Nea ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, 38Dilean ne ne Mispe ne Yokteel, 39Lakis ne Boskat ne Eglon, 40Kabon ne Lahmam ne Kitlis, 41Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunsia.

42Eyinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan, 43Yifta ne Asna ne Nesib, 44Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ akron.

45Ekron nkurow ne nkuraa nyinaa ka Yuda asase ho, 46efi Ekron no, ɔhye no trɛw de kɔ atɔe fam a nkurow a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia ka ho. 47Saa ara na Asdod nkurow ne ne nkuraa, Gasa nkurow ne ne nkuraa kosi Misraim asuwa no, de kɔfa Po Kɛse no mpoano ka ho.

48Yuda san nyaa nkurow a edidi so yi a na ɛwɔ nkoko asase so:

Samir ne Yatir ne Soko, 49Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir, 50Anab ne Estemo ne Anim, 51Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dubaako.

52Na saa nkurow yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan, 53Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka, 54Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkurow akron ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.

55Nkurow a edidi so yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta, 56Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, 57Kain, Gibea ne Timna, nkurow du ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.

58Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor, 59Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.

60Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkurow abien ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.

61Sare so nkurow no nso ne:

Bet-Araba, Midin ne Sekaka, 62Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia.

63Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yuda abusuakuw no antumi antu wɔn nti, Yebusifo ne Yuda abusuakuw no tenae de besi nnɛ.