Yoɛl 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yoɛl 3:1-21

Aman No Atemmu

1“Saa nna no mu,

mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba.

2Mɛboa aman nyinaa ano,

na mede wɔn aba Yehosafat bon mu.

Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn

wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho,

efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so,

na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

3Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto,

Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman.

Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa,

a wɔbɛnom.

4“Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu. 6Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo3.6 Helafo ne Foenikefo dii gua fi afe 800 AWA. sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7“Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka. 8Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

9Mompae mu nka eyi wɔ aman so:

Munsiesie mo ho mma ɔko!

Monkanyan asraafo!

Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko.

10Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa,

na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw.

Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se,

“mewɔ ahoɔden!”

11Monyɛ ntɛm mmra,

mo amanaman a moatwa ahyia,

mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ.

Fa wʼakofo bra, Awurade!

12“Wɔnkanyan aman no;

wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu,

efisɛ ɛhɔ na mɛtena

na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

13Munhwim kantankrankyi no,

efisɛ otwabere no adu so.

Mommra, muntiatia bobe no so,

efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma

na ahina no ayɛ ma abu so.

Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!”

14Nnipadɔm, nnipadɔm

wɔ gyinaesi subon no mu!

Awurade da no abɛn

wɔ gyinaesi subon no mu.

15Owia ne ɔsram beduru sum,

na nsoromma renhyerɛn bio.

16Awurade bɛbobɔ mu afi Sion,

ne nne gyegyeegye afi Yerusalem,

asase ne ɔsoro bɛwosow.

Nanso Awurade bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo,

ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo.

Onyankopɔn Nkurɔfo Nhyira

17“Afei mubehu sɛ, me Awurade, mo Nyankopɔn,

mete Sion, me bepɔw kronkron so.

Yerusalem bɛyɛ kronkron;

na ananafo rentu wɔn so sa bio.

18“Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu,

na nufusu ateɛ wɔ nkoko so;

Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu,

na asuti betue afi Awurade fi,

na agugu akasia subon no so nsu.

19Nanso Misraim bɛdan amamfo,

na Edom nso bɛyɛ nweatam,

esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti.

Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui.

20Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ

na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.

21So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana?

Mɛtɔ kɛ.”

Awurade te Sion!

Asante Twi Contemporary Bible

Yoɛl 3:1-21

Aman No Atemmuo

1“Saa nna no mu,

mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.

2Mɛboa aman nyinaa ano,

na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu.

Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn

wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho,

ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so,

na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

3Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,

Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.

Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,

a wɔbɛnom.

4“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu. 6Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ3.6 Helafoɔ ne Foenikefoɔ dii dwa firi afe 800 A.W.A. sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7“Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka. 8Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

9Mo mpae mu nka yei wɔ aman so:

Monsiesie mo ho mma ɔko!

Monkanyane akodɔm!

Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.

10Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena,

na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea.

Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ,

“mewɔ ahoɔden!”

11Monyɛ ntɛm mmra,

mo amanaman a moatwa ahyia,

mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ.

Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!

12“Wɔnkanyane aman no;

wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu,

ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena

na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

13Monhwim kantankrankyi no,

ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so.

Mommra, montiatia bobe no so,

ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma

na ankorɛ no ayɛ ma abu so.

Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”

14Nipadɔm, nipadɔm

wɔ gyinasie subɔnhwa no mu!

Awurade ɛda no abɛn

wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.

15Owia ne ɔsrane bɛduru sum,

na nsoromma renhyerɛn bio.

16Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion,

ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem,

asase ne ɔsoro bɛwoso.

Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ,

ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.

Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Nhyira

17“Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn,

mete Sion, me bepɔ kronkron so.

Yerusalem bɛyɛ kronkron;

na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.

18“Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu,

na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so;

Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu,

na asutire bɛtue afiri Awurade efie,

na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.

19Nanso Misraim bɛdane amanfo,

na Edom nso bɛyɛ anweatam,

ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti.

Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.

20Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ

na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

21Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no,

mede bɛkyɛ.

Na me Awurade, mɛtena Sion!”