Yoɛl 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yoɛl 2:1-32

Mmoadabi Dɔm

1Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion;

hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so.

Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,

efisɛ Awurade da no reba,

na abɛn koraa.

2Sum ne kusukuukuu da.2.2 Sum…da. Sum yɛ daa daa adiyisɛm a wɔka fa Awurade da no ho. (Amos 5.18; Sef 1.15).

Omununkum ne sum kabii da.

Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no,

saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te.

Wonhuu wɔn sɛso bi da,

na wɔrenhu ne sɛso nso da.

3Ogya rehyew wɔ wɔn anim,

ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi,

asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,

nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam,

hwee nguan wɔn.

4Wɔte sɛ apɔnkɔ.

Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.

5Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam

na wotu fa mmepɔw atifi,

wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee

wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

6Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;

na wɔn anim hoa.

7Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo;

wɔforo afasu te sɛ asraafo

na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,

na wɔmman benkum anaa nifa.

8Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu;

obiara nantew kɔ nʼanim tee.

Wobu fa abandennen so,

na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

9Wɔtow hyɛ kuropɔn no so

wotu mmirika fa afasu no so

wɔforo kɔ afi mu,

wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.

10Asase wosow wɔ wɔn anim,

na ɔsoro hinhim.

Owia ne ɔsram duru sum,

na nsoromma nhyerɛn bio.

11Awurade bobɔ mu

de di nʼasraafo no anim.

Nʼakofo no dɔɔso bebree,

ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so.

Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu;

hena na obetumi agyina ano?

Ahonu

12“Na afei,” sɛnea Awurade se ni,

“San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn,

wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”

13Sunsuan wo koma

na ɛnyɛ wo ntade mu.

San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn,

efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye.

Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so,

na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.

14Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ

na wagyaw nhyira,

a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde

a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.

15Hyɛn torobɛnto wɔ Sion!

Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16Mommoaboa nnipa no ano

montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;

mommoaboa mpanyimfo,

mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano.

Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.

17Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no,

nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam;

na wɔnka se, “Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn.

Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade

anaa fɛwdi wɔ aman no mu.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se,

‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ”

Awurade Mmuae

18Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho

na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.

19Awurade bebua se,

“Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo,

a ɛbɛso mo ama moamee pintinn.

Merenyɛ mo ahohorade

mma aman no bio.

20“Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,

mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so.

Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu,

na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu.

Na afunu no bɛbɔn

na ne nka betu.”

Nokware wayɛ nneɛma akɛse!

21Munnsuro, me nkurɔfo!

Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho.

Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.

22Munnsuro, mo wuram mmoa!

Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm.

Nnua no resow wɔn aba;

borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.

23Momma mo ani nnye, mo Sion mma,

Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu,

efisɛ watɔ asusowsu ama mo,

ne nokwaredi nti.

Watɔ osu bebree ama mo

wɔ ne bere mu te sɛ kan no.

24Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma,

nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.

25“Mɛhyɛ mo anan mu,

nea mohweree

mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma,

mmoadabi akɛse ne nkumaa,

ne wɔn a aka no nyinaa,

me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

26Mubedidi amee,

na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ.

Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo;

me nkurɔfo ani renwu bio.

27Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel,

mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn,

na obiara nni hɔ sɛ me;

Me nkurɔfo ani renwu bio da.”

Awurade Da

28“Na akyiri no,

mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so,

mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,

mo nkwakoraa bɛsoso adae,

mo mmerante benya anisoadehu.

29Saa mmere no mu no,

mehwie me Honhom agu

mʼasomfo so, mmarima ne mmea.

30Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so,

mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.

31Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.

32Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,

wobegye no nkwa.

Efisɛ nkwagye bɛba

ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu

a Awurade afrɛ wɔn

wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,”

sɛnea Awurade aka no.

Asante Twi Contemporary Bible

Yoɛl 2:1-32

Ntutummɛ Dɔm

1Hyɛn totorobɛnto no wɔ Sion;

hyɛn abɛn no wɔ me bepɔ kronkron no so.

Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,

ɛfiri sɛ Awurade ɛda no reba,

na abɛn koraa.

2Esum ne kusukuukuu ɛda.

Omununkum ne esum kabii ɛda.

Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no,

saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ.

Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da,

na wɔrenhunu ne sɛso nso da.

3Egya rehye wɔ wɔn anim,

ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi,

asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,

deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam,

biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so.

4Wɔte sɛ apɔnkɔ.

Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm.

5Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam

na wɔtu fa mmepɔ atifi,

wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ,

wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

6Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;

na wɔn anim to hoa.

7Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ;

wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ

na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,

na wɔmmane benkum anaa nifa.

8Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu;

obiara nante kɔ nʼanim tee.

Wɔbu fa banbɔeɛ so,

na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

9Wɔto hyɛ kuropɔn no so

wɔtu mmirika fa afasuo no so

wɔforo kɔ afie mu,

wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ.

10Asase woso wɔ wɔn anim,

na ɔsoro hinhim.

Owia ne ɔsrane duru sum,

na nsoromma nnhyerɛn bio.

11Awurade bobom

de di nʼasraadɔm no anim.

Nʼakodɔm no dɔɔso bebree,

ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so.

Awurade ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu;

hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Ahonu

12“Na afei,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn,

wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.”

13Sunsuane wʼakoma

na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu.

Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn,

ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ.

Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so,

na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.

14Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ

na wagya nhyira,

a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ

a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no.

15Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion!

Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16Mommoaboa nnipa no ano

monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;

mommoaboa mpanimfoɔ,

mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano

Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra.

17Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no,

nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam;

na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn.

Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ

anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ,

‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ”

Awurade Mmuaeɛ

18Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho

na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.

19Awurade bɛbua sɛ,

“Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo,

a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn.

Merenyɛ mo ahohoradeɛ

mma aman no bio.

20“Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,

mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ.

Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu,

na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu.

Na afunu no bɛbɔn

na nka no bɛtu.”

Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.

21Monnsuro, me nkurɔfoɔ!

Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho.

Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.

22Monnsuro, mo wiram mmoa!

Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm.

Nnua no reso wɔn aba;

borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba.

23Momma mo ani nnye, mo Sion mma,

Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu,

ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo,

ne nokorɛdie enti.

Watɔ nsuo bebree ama mo

wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no.

24Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma

nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu.

25“Mɛhyɛ mo anan mu,

deɛ mohwereeɛ

mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma,

ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa,

ne wɔn a aka no nyinaa,

me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

26Wobɛdidi amee,

na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ.

Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo;

me nkurɔfoɔ ani renwu bio.

27Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel,

wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn,

na obiara nni hɔ sɛ me;

Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.”

Awurade Ɛda

28“Na akyire yi,

mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so,

mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,

mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ,

mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.

29Saa mmerɛ no mu no,

mɛhwie me Honhom agu

mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa.

30Mɛyɛ anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asase so,

mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn.

31Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.

32Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,

wɔbɛgye no nkwa.

Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛba

ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu

a Awurade afrɛ wɔn

wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,”

sɛdeɛ Awurade aka no.