Yesaia 61 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 61:1-11

Awurade Adom Afe

1Otumfo Awurade Honhom wɔ me so,

efisɛ, wɔafrɛ me

sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.

Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ,

se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum

na wonyi nneduafo mfi sum mu,

2se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,

ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da.

Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,

3na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia,

na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ

nsi nsõ anan mu,

anigye ngo

nsi awerɛhowdi anan mu,

ayeyi atade

nsi abasamtu honhom anan mu.

Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum

nea Awurade adua

de ada nʼanuonyam adi.

4Wobesi tete mmubui no bio,

na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no;

wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo

nea asɛe awo ntoatoaso bebree no.

5Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw;

ahɔho bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuw ne bobeturo mu.

6Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo,

wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo.

Amanaman no ahonya no na mubedi

na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho.

7Wɔn animguase anan mu

me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho,

na ahohora anan mu

wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu;

ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho,

na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea.

8“Na me Awurade, mepɛ atɛntrenee.

Mikyi korɔn ne nnebɔne.

Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba so

na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.

9Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu

ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu.

Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ

wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”

10Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso,

me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi.

Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me

na ɔde trenee atade yuu awura me,

sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo,

ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.

11Na sɛnea asase ma afifide pue

na turo nso ma aba nyin no,

saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyi

apue wɔ amanaman anim.

New Amharic Standard Version

ኢሳይያስ 61:1-11

የተወደደው የእግዚአብሔር ዓመት

1የጌታ የእግዚአብሔር መንፈስ በእኔ ላይ ነው፤

ለድኾች የምሥራች እንድሰብክ፣

እግዚአብሔር ቀብቶኛል።

ልባቸው የተሰበረውን እንድጠግን፣

ለምርኮኞች ነጻነትን፣

ለእስረኞች መፈታትን እንዳውጅ61፥1 ዕብራይስጡ ከዚህ ጋር ይስማማል፤ የሰብዓ ሊቃናት ትርጕም ግን፣ ዕውራንን ከጨለማ አወጣቸው ዘንድ ይላል። ልኮኛል፤

2የተወደደውን የእግዚአብሔርን ዓመት፣

የአምላካችንንም የበቀል ቀን እንዳውጅ፣

የሚያለቅሱትን ሁሉ እንዳጽናና ልኮኛል፤

3በጽዮን ያዘኑትን እንዳረጋጋ፣

በዐመድ ፈንታ፣

የውበት አክሊል እንድደፋላቸው፣

በልቅሶ ፈንታ፣

የደስታ ዘይት በራሳቸው ላይ እንዳፈስስላቸው፣

በትካዜ መንፈስ ፈንታ፣

የምስጋና መጐናጸፊያ እንድደርብላቸው ልኮኛል፤

እነርሱም የክብሩ መግለጫ እንዲሆኑ፣

እግዚአብሔር የተከላቸው፣

የጽድቅ ዛፎች ተብለው ይጠራሉ።

4የጥንት ፍርስራሾችን መልሰው ይሠራሉ፤

በቀድሞ ጊዜ የወደሙትን መልሰው ያቆማሉ፤

ከብዙ ትውልድ በፊት የወደሙትን

ፍርስራሽ ከተሞች እንደ ገና ይሠራሉ።

5መጻተኞች የበግ መንጎቻችሁን ያግዳሉ፤

ባዕዳን በዕርሻችሁና በወይን ተክል ቦታችሁ ላይ ይሠሩላችኋል።

6እናንተም የእግዚአብሔር ካህናት ተብላችሁ ትጠራላችሁ፤

የአምላካችን ባሮች ትባላላችሁ፤

የመንግሥታትን ሀብት ትመገባላችሁ፤

በብልጽግናቸውም ትኰራላችሁ።

7ሕዝቤ በኀፍረታቸው ፈንታ፣

ዕጥፍ ይቀበላሉ፤

በውርደታቸው ፈንታ፣

በርስታቸው ደስ ይላቸዋል፤

የምድራቸውንም ዕጥፍ ርስት ይወርሳሉ፤

ዘላለማዊ ደስታም የእነርሱ ይሆናል።

8“እኔ እግዚአብሔር ፍትሕን ስለምወድድ፣

ዝርፊያንና በደልን እጠላለሁ፤

በታማኝነቴም የሚገባቸውን እሰጣቸዋለሁ፤

ከእነርሱም ጋር የዘላለም ኪዳን አደርጋለሁ።

9ዘሮቻቸው በመንግሥታት፣

ልጆቻቸውም በሕዝቦች ዘንድ የታወቁ ይሆናሉ፤

የሚያዩአቸውም ሁሉ፣

እግዚአብሔር የባረካቸው ሕዝብ እንደ ሆኑ ያውቃሉ።”

10በእግዚአብሔር እጅግ ደስ ይለኛል፤

ነፍሴ በአምላኬ ሐሤት ታደርጋለች፤

ሙሽራ ራሱን እንደሚያሳምር፣

ሙሽራዪቱም በዕንቈቿ እንደምታጌጥ፣

የድነትን ልብስ አልብሶኛል፤

የጽድቅንም መጐናጸፊያ ደርቦልኛል።

11ምድር ቡቃያ እንደምታበቅል፣

የተክል ቦታ ችግኝ እንደሚያፈላ፣

ጌታ እግዚአብሔርም በመንግሥታት ሁሉ ፊት፣

ጽድቅንና ምስጋናን ያበቅላል።