Yesaia 54 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 54:1-17

Sion Daakye Anuonyam

1“To nnwom, obonin,

wo a wonwoo da;

pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi,

wo a awo nkaa wo da;

efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma

dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,”

Awurade na ose.

2“Trɛw wo ntamadan no mu;

twe wo ntamadan ntwamu no mu,

nnyae yɛ;

toa wo ntampehama no so,

bobɔ wo nnyinaso no so ma entim yiye.

3Efisɛ wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum;

wʼasefo begye aman afa

na wɔatena wɔn nkuropɔn amamfo so.

4“Nsuro; wʼanim rengu ase.

Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase.

Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwu

na wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio.

5Na wo Bɔfo yɛ wo kunu

Asafo Awurade ne ne din,

Israel Kronkronni no yɛ wo Gyefo.

Wɔfrɛ no asase nyinaa so Nyankopɔn.

6Awurade bɛsan afrɛ wo

te sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu,

ɔyere a ɔwaree mmabaabere mu

na wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.

7“Migyaw wo bere tiaa bi mu,

nanso mifi ayamhyehye a mu dɔ mu bɛsan de wo aba.

8Abufuw mmoroso mu,

mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi,

nanso mʼayamye a ɛnsa da nti,

mehu wo mmɔbɔ,”

nea Awurade, wo Gyefo se ni.

9“Eyi te sɛ Noa mmere so a mekaa ntam se

meremma nsuyiri nkata asase ani bio.

Enti afei maka ntam se meremma me bo mfuw wo bio,

na merenka wʼanim bio.

10Sɛ mmepɔw wosow,

na nkoko tutu a,

me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim

na mʼasomdwoe apam no rentwa mu,”

sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.

11“Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ,

mede abo anintɔnka besiesie wo,

na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem.

12Mede bogyabo bɛto wʼabantifi afasu,

na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapon,

na mede aboɔdemmo ayɛ wʼafasu nyinaa.

13Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmabarima nyinaa,

na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.

14Wubetim wɔ trenee mu:

Wo ne nhyɛsotraso ntam kwan bɛware

worensuro biribiara.

Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,

na ɛremmɛn wo.

15Sɛ obi tow hyɛ wo so a, na emfi me;

na nea ɔtow hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.

16“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfo

a ofita nnyansramma mu ma ɛdɛw

na ɔde ahoɔden bɔ akode a ɛfata ne dwumadi.

Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefo sɛ ɔmmɛsɛe ade;

17akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyina

na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu.

Eyi ne Awurade nkoa agyapade,

ne wɔn bembu a efi me,”

Awurade na ose.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 54:1-17

Sion Daakye Animuonyam

1“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie,

wo a wonnwoo da;

ma wo nne so na team,

wo a awoɔ nkaa wo da;

ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma

adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,”

Awurade na ɔseɛ.

2“Trɛ wo ntomadan no mu;

twe wo ntomadan ntwamu no mu,

nnyae yɛ;

toa wo ntampehoma no so,

bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.

3Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum;

wʼasefoɔ bɛgye aman afa

na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.

4“Nsuro. Wʼanim rengu ase.

Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase.

Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo

na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.

5Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu

Asafo Awurade ne ne din,

Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ.

Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.

6Awurade bɛsane afrɛ wo

te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu,

ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu

na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.

7“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu,

nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.

8Abufuo mmorosoɔ mu,

mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi,

nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti,

mɛhunu wo mmɔbɔ,”

deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.

9“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ

meremma nsuyire nkata asase ani bio.

Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio,

na merenka wʼanim bio.

10Sɛ mmepɔ woso,

na nkokoɔ tutu a,

me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim

na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,”

sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.

11“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ,

mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo,

na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.

12Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo,

na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono,

na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.

13Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa,

na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.

14Wobɛtim wɔ tenenee mu:

Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware;

worensuro biribiara.

Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,

na ɛremmɛn wo.

15Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me;

na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.

16“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ

a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre

na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie.

Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;

17akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina

na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu.

Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ

ne wɔn bembuo a ɛfiri me,”

Awurade na ɔseɛ.