Yesaia 53 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 53:1-12

1Hena na wagye yɛn asɛm no adi?

na Awurade abasa no, hena so na ada adi?

2Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi,

te sɛ ntin a efi asase wosee mu.

Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.

Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.

3Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,

Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw.

Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no

wobuu no animtiaa na yɛammu no.

4Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ,

na ɔsoaa yɛn awerɛhow,

nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.

Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.

5Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,

yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;

asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,

na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.

6Yɛn nyinaa ayerayera te sɛ nguan,

yɛn mu biara afa ne kwan;

na Awurade de yɛn nyinaa

amumɔyɛ ato no so.

7Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade,

nanso wammue nʼano;

wɔde no kɔɔ te sɛ oguamma a wɔrekokum no.

Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no,

saa ara na wammue nʼano.

8Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe.

Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm?

Efisɛ woyii no fii asase yi so;

me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.

9Wɔyɛɛ ne da wɔ abɔnefo mu,

na ne wu mu wɔde no too adefo mu

ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara,

na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.

10Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane

mpo ɔde ne nkwa yɛ afɔdi afɔrebɔde,

obehu nʼasefo na ne nna bɛware,

na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.

11Ne kra amanehunu akyi,

obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam;

na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem,

na wasoa wɔn amumɔyɛ.

12Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu,

na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade

efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu,

na wɔkan no fraa mmaratofo.

Ɔsoaa nnipa bebree bɔne,

na odi maa mmaratofo.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 53:1-12

1Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie,

na Awurade abasa no, hwan so na ada adie?

2Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi,

te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu.

Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.

Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.

3Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,

Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea.

Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo;

wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.

4Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ,

na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ,

nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.

Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.

5Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ,

yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no;

asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so,

na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa.

6Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan,

yɛn mu biara afa ne kwan;

na Awurade de yɛn nyinaa

amumuyɛ asoa.

7Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa,

nanso wammue nʼano;

wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no.

Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no,

saa ara na wammue nʼano.

8Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ.

Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm?

Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so;

me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso.

9Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu,

na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ mu

ɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara,

na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.

10Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛ no ama no ahunu amane.

Mpo ɔde ne nkwa ayɛ afɔdie afɔrebɔdeɛ.

Ɔbɛhunu nʼasefoɔ na ne nna bɛware,

na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.

11Ne kra amanehunu akyi,

ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam;

na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem,

na wasoa wɔn amumuyɛ.

12Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu,

na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ

ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo,

na wɔkan no fraa mmaratofoɔ.

Ɔsoaa nnipa bebree bɔne,

na ɔdi maa mmaratofoɔ.