Yesaia 45 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 45:1-25

1“Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo,

Kores a maso ne nsa nifa mu

sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim

na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam

sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim

sɛnea kurow apon no mu rentoto.

2Medi wʼanim

mɛyɛ mmepɔw tamaa;

mebubu kɔbere mfrafrae apon agu

na matwitwa nnade adaban mu.

3Mede sum mu ademude bɛma wo

ahonyade a wɔde asie kokoa mu

sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade,

Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.

4Me somfo Yakob nti,

Israel a mapaw no nti,

mebɔ wo din frɛ wo

na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin,

ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.

5Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;

Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.

Mɛhyɛ wo den,

ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,

6sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue

kosi beae a ɛtɔ no

nnipa behu sɛ obiara nka me ho.

Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.

7Meyɛ hann, na mebɔ sum.

Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba;

Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.

8“Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam;

momma emfi omununkum mu ntɔ

momma asase mu mmue kɛse,

na nkwagye mpue mfi mu,

na trenee ne no nnyin;

Me, Awurade na mayɛ.

9“Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham

ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu.

Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se,

‘Dɛn na woreyɛ yi?’

Wʼadwuma betumi abisa wo se

‘Wunni nsa’?

10Nnome nka nea ose nʼagya se

‘Dɛn na woawo yi?’

Anaa obisa ne na se,

‘Dɛn na wokyem woe?’

11“Sɛɛ na Awurade se,

Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo;

Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no,

wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,

anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?

12Ɛyɛ me na meyɛɛ asase

na mebɔɔ adesamma guu so.

Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu;

nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.

13Mɛma Kores so wɔ me trenee mu;

meteɛteɛ nʼakwan nyinaa.

Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn

na wagyaa me nnommumfo,

nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde,

Asafo Awurade na ose.”

14Sɛɛ na Awurade se:

“Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus,

ne Sebafo atenten no,

wɔbɛba wo nkyɛn

abɛyɛ wo dea;

wobedi wʼakyi brɛoo aba a

wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

Wobebu nkotodwe wʼanim

na wɔasrɛ wo aka se,

‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ;

onyame biara nni hɔ.’ ”

15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,

Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.

16Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;

wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.

17Nanso Awurade begye Israel nkwa,

ɔde daapem nkwagye;

wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio

kosi daapem.

18Na sɛɛ na Awurade se,

nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no

ɔno ne Onyankopɔn;

nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no,

ɔno na ɔtoo ne fapem;

wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa,

mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so,

ɔka se:

“Mene Awurade,

na obi nni hɔ.

19Menkasaa wɔ kokoa mu,

mfi asase so baabi a aduru sum;

menka nkyerɛɛ Yakob asefo se,

‘Monhwehwɛ me na munhu me.’

Me Awurade, meka nokware no;

meka nea eye.

20“Mommoaboa mo ho ano na mommra;

munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so.

Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin

wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.

21Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua,

ma wɔmmɔ mu ntu agyina.

Hena na odii kan kaa no teteete,

hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee?

Ɛnyɛ me Awurade ana?

Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,

trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa;

obiara nni hɔ sɛ me.

22“Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa,

mo a mowɔ asase ano nyinaa;

efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.

23Maka me ho ntam,

mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu

asɛm a wɔntwe nsan sɛ:

obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim.

Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.

24Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara mu

na trenee ne ahoɔden wɔ.’ ”

Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa

bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.

25Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaa

wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 45:1-25

耶和华使塞鲁士兴起

1“我耶和华膏立塞鲁士为王,

我牵着他的右手帮助他征服列国、降服列王;

我使城门洞开,

让他通行无阻。

我对他说,

2‘我要走在你前面,

为你铲平高山,

打破铜门,

砍断铁闩。

3我要把隐藏的宝物和秘密收藏的财富赐给你,

好叫你知道点名呼召你的是我——以色列的上帝耶和华。

4虽然你不认识我,

但为了我的仆人雅各

我所拣选的以色列

我还是点名呼召你,

赐给你一个尊贵的名号。

5我是独一无二的耶和华,

除我以外再没有上帝。

虽然你不认识我,

但我还是赐你力量。

6这样,从日出之地到日落之处,

普天下都知道除我以外,

别无他神,

我耶和华独一无二。

7我造光明,也造黑暗;

赐平安,也降灾祸。

这一切都是我耶和华的作为。

8“‘我使诸天降下甘露,

云彩降下公义,

使大地裂开,

萌生拯救和公义,

这是我耶和华的作为。’

9“跟造物主争辩的人有祸了!

他不过是世上瓦器中的一件。

陶泥怎能对陶匠说,‘你在做什么’?

受造之物怎能说,‘造我的没手艺’?

10对父亲说‘你生的是什么’

或对母亲说‘你产的是什么’的人有祸了!”

11耶和华——以色列的圣者和创造主说:

“你们就我子民将来的事质问我吗?

你们发号施令要告诉我如何做吗?

12是我造了大地,又造了地上的人;

我亲手铺展穹苍,

布置天上的万象。

13我凭公义使塞鲁士王兴起,

我要让他的道路畅通无阻。

他必重建我的城,

释放我被掳的子民,

不是为了得报酬或奖赏。

这是万军之耶和华说的。”

14耶和华说:

埃及的出产和古实的货物必归你所有。

身材高大的西巴人必来归附你,

戴着锁链跟在你身后。

他们要向你下拜,

在你面前恳求,

并说,‘上帝真的与你们同在,

祂独一无二,除祂以外,

别无他神。’”

15救主——以色列的上帝啊,

你真是一位隐藏自己的上帝。

16制造偶像的都必蒙羞受辱,

一同惭愧。

17以色列必蒙耶和华拯救,

享受永远的救恩,

永远不会再蒙羞受辱。

18创造诸天、塑造和建立大地给人居住、没有使地荒凉的耶和华上帝说:

“我是耶和华,是独一无二的上帝。

19我没有在隐秘处暗暗地说话,

我没有对雅各的后裔说,

‘你们找不到我。’

我耶和华宣扬真理,

传讲正义。

20“列国的流亡者啊,

你们要聚集到这里来。

那些抬着木头神像、

向不能救人的神明祷告的人真愚昧!

21你们要彼此商议,

陈明你们的理由。

谁早已预言过今天发生的事?

谁很久以前就说过这些预言?

难道不是我耶和华吗?

除我以外别无他神。

我是公义的上帝,我是救主,

除我以外别无他神。

22普世的人啊,归向我吧,

你们必蒙拯救,

因为我是独一无二的上帝。

23我凭自己起誓,

我口中的话真实可靠,绝不更改,

‘万膝必向我跪拜,

万口必起誓效忠于我。’

24他们必说,

‘只有耶和华那里才有公义和能力。’”

向祂发怒的必在祂面前蒙羞。

25以色列的后裔必被耶和华称为义人,得到荣耀。