Yesaia 44 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 44:1-28

Israel, Nea Wɔapaw No

1“Na afei tie, Yakob me somfo,

Israel, nea mapaw no.

2Sɛɛ na Awurade se,

nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu,

ɔno na ɔbɛboa wo:

Nsuro Yakob, me somfo,

Yeshurun, a mapaw no.

3Na mehwie nsu agu asase a awo no so,

ne nsuten wɔ asase kesee so;

mehwie me Honhom agu wo mma so,

ne me nhyira agu wʼasefo so.

4Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea,

te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho.

5Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’;

ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob;

afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘Awurade de,’

na wɔafa din Israel.

Ɛyɛ Awurade, Ɛnyɛ Ahoni

6“Sɛɛ na Awurade

Israelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se:

Mene odikanfo ne okyikafo;

Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.

7Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka.

Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim

nea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ,

ne nea ɛrebɛba.

Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm.

8Mommma mo ho mpopo, munnsuro.

Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana?

Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana?

Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”

9Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,

na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso.

Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura;

wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.

10Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni,

a ne so mma no mfaso biara?

11Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase;

adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa.

Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,

ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn.

12Ɔtomfo fa nʼatonnade

ɔde hyehyɛ nnyansramma mu;

ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni,

ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ;

ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw;

ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw.

13Duadwumfo de hama susuw

na ɔde kyerɛwdua sensan;

na ɔde pɛe yiyi ho

afei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae.

Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso,

ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu,

sɛ wɔde besi abosonnan mu.

14Otwitwaa sida,

anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum.

Ɔma enyinii wɔ kwae mu,

anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii.

15Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya;

ɔde bi ka ne ho hyew,

ɔde bi sɔ ogya to brodo.

Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no;

ɔyɛ ohoni na ɔkotow no.

16Ɔde dua no mu fa sɔ ogya;

so na ɔnoa nʼaduan,

ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee.

Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se,

Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew.

17Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni;

ɔkotow no na ɔsɔre no.

Ɔbɔ no mpae se,

“Gye me; wo ne me nyame.”

18Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;

wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade,

wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase.

19Obiara nna nnwen ho,

obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se,

“Mede fa sɔɔ ogya;

na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so;

metotoo nam wɔ so wee.

Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana?

Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?”

20Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan;

ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se,

“Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?”

21“Kae saa nneɛma yi, Yakob,

efisɛ, woyɛ me somfo, Israel.

Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo;

Ao Israel, me werɛ remfi wo.

22Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkum

ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu.

San bra me nkyɛn,

efisɛ magye wo.”

23Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro,

na Awurade na wayɛ eyi.

Mommɔ ose, asase ase.

Momma nnwonto so, mo mmepɔw,

mo kwae ne emu nnua nyinaa,

na Awurade agye Yakob,

wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.

Wɔbɛtena Yerusalem

24“Sɛɛ na Awurade se,

wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no:

“Mene Awurade,

nea wayɛ nneɛma nyinaa,

nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu

nea ɔno nko ara twee asase mu,

25nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne

na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo,

nea otutu anyansafo adenim gu

na ɔdan no nkwaseasɛm,

26nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu

nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma,

“nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’

ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’

ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’

27nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow,

na mɛma wo nsuwa ayoyow,’

28nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo

na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ;

ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,”

na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 44:1-28

以色列蒙拣选

1“我的仆人雅各

我所拣选的以色列啊,

现在你要留心听。

2造你、使你在母胎中成形、

帮助你的耶和华说,

‘我的仆人雅各

我所拣选的耶书仑44:2 耶书仑”是以色列的昵称。啊,

不要害怕。

3我要用水浇灌干渴之地,

使河流滋润干旱之土。

我要用我的灵浇灌你的后裔,

使我的福泽临到你的子孙。

4他们要滋长如青草,

又如溪旁杨柳。’

5这个说,‘我属于耶和华’,

那个说,‘我是雅各的子孙’,

还有人手上写着,‘耶和华之民’,

称自己属于以色列

6“耶和华,以色列的君王和救赎主,

万军之耶和华说,

‘我是首先的,我是末后的,

除我以外再没有真神。

7谁能与我相比?让他告诉我。

自从我设立这古老的民族以来所发生的事和将要发生的事,

让他告诉我。

8不要恐惧,不要害怕,

我不是早已告诉过你们吗?

你们是我的证人。

除我以外还有真神吗?

没有,没有别的磐石,

一个也没有。’”

9制造偶像的真是无用,他们珍爱的偶像毫无价值。拜神像的人目盲眼瞎,愚昧无知,自找羞辱。 10制造神像、雕刻无益偶像的是谁? 11看啊,制造神像的工匠不过是人,他们必羞愧。让他们一起来对质吧,他们必恐惧、羞愧。 12铁匠把铁块放在炭火里烧,用他强壮的臂膀挥动铁锤把它打成偶像。他饥饿时就会无力,口渴时就会疲乏。 13木匠拉线测量木料,用笔勾出形状,用圆规画出模样,仿照人的样子用凿子做成逼真的神像,放在庙宇里。 14他砍伐香柏木,或从林中选取柏木和橡木。他栽种松树,雨水使它长大。 15这树可以用来作燃料,他取一些木料生火取暖、烤饼,又制成神像来祭拜,雕成偶像来叩拜。 16他用一半木头烤肉,饱餐一顿,并用火取暖,说:“啊!我这里有火,真暖和。” 17他用另一半木头造了一个神,一个偶像,向它俯伏叩拜、祷告说:“你是我的神明,求你拯救我。” 18他们愚昧无知,因为眼睛被封住以致看不见,心窍被塞住以致不明白。 19他们无人思想,无人明白,无人醒悟说:“我用一半木头当柴烤饼、烤肉吃,我岂能用另一半木头造可憎的神像?我岂能向一块木头叩拜?” 20他们以灰为食,心智迷糊,走入歧途,不能自救,也不会说:“我右手拿的神像不是假的吗?”

耶和华救赎以色列

21雅各啊,以色列啊,

要记住这些事,

因为你是我的仆人。

我造了你,你是我的仆人;

以色列啊,我不会忘记你。

22我除去了你的过犯和罪恶,

使它们如云雾消散。

归向我吧,因为我救赎了你。”

23诸天啊,歌唱吧!

因为耶和华成就了这事。

地的深处啊,欢呼吧!

众山岭和林中的树木啊,

你们都要歌唱!

因为耶和华救赎了雅各

以色列彰显了祂的荣耀。

24在母腹中造你、救赎你的耶和华说:

“我是创造万物的耶和华,

我独自铺展穹苍,开辟大地。

25我使假先知的预兆无法应验,

使占卜者丑态百出;

我颠覆智者的知识,

使之愚不可及。

26我使我仆人的话应验,

使我使者的计划成就。

我说耶路撒冷必有人居住,

我说犹大的城邑必重建起来,

从废墟中重建起来。

27我对深海说,‘枯干吧!

我要使你的河流干涸’;

28我说塞鲁士是我的牧人,

他必完成我的旨意,

他会下令重建耶路撒冷

降旨奠定圣殿的根基。