Yesaia 38 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 38:1-22

Hesekia Yare

1Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”

2Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se, 3“Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se, 5“San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho. 6Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

7“ ‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so: 8Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’ ” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.

9Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni:

10Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu

ɛsɛ sɛ mefa owu apon mu

na wogye me mfe a aka yi ana?”

11Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio

Awurade a ɔwɔ ateasefo asase so.

Merenhu adesamma bio,

anaa merenka wɔn a wɔte wiase yi ho bio.

12Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam,

te sɛ, oguanhwɛfo ntamadan.

Matwa me nkwa so sɛnea ɔnwemfo

twa me fi asadua so;

awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.

13Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye,

nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata;

awia ne anadwo wutwaa me nkwa so.

14Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;

mitwaa adwo sɛ, aborɔnoma a ɔredi awerɛhow.

Mʼani yɛɛ siamoo bere a mehwɛɛ soro.

Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”

15Na dɛn na metumi aka?

Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi.

Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mu

me kra ahoyeraw yi nti.

16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa

na me honhom nso nya nkwa wɔ mu.

Wode mʼakwahosan asan ama me

nam so ama manya nkwa.

17Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti

na mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu.

Wo dɔ nti, wode me siei

na mankɔ ɔsɛe amoa mu;

na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.

18Ɔda rentumi nkamfo wo;

owu rentumi nto wo ayeyi nnwom;

wɔn a wosian kɔ amoa mu no

rentumi nnya anidaso wɔ wo nokware mu bio.

19Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo,

sɛnea mereyɛ nnɛ yi;

agyanom ka wo nokwaredi ho asɛm

kyerɛ wɔn mma.

20Awurade begye me nkwa,

na yɛde asanku bɛto nnwom

yɛn nkwanna nyinaa

Awurade fi.

21Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.”

22Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 38:1-22

希西迦患病

1那些日子,希西迦病危,亚摩斯的儿子以赛亚先知前来对他说:“耶和华说,‘你要交待后事,因为你要死了,你的病不能康复。’” 2希西迦把脸转向墙,向耶和华祷告,说: 3“耶和华啊,求你顾念我怎样全心、忠诚地事奉你,做你视为善的事。”希西迦痛哭起来。 4耶和华对以赛亚说: 5“你去告诉希西迦,‘你祖先大卫的上帝耶和华说,我听见了你的祷告,也看见了你的眼泪,我要使你的寿命增加十五年。 6我要从亚述王手中拯救你和这城,我要保护这城。’” 2138:21-22 这两节在原文抄本是放在本章末尾,不过这可能是在誊抄过程中放错位置。其实这两节经文放在6节和7节之间最为自然,就如在列王纪下一样,参见列王纪下20:7-8以赛亚说:“拿一块无花果饼贴在王的疮上,他就会痊愈。” 22希西迦问:“有什么兆头能证明我可以再上耶和华的殿吗?”