Yesaia 37 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 37:1-38

Wɔhyɛ Yerusalem Gye Ho Nkɔm

1Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. 2Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. 3Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. 4Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”

5Bere a Ɔhene Hesekia mpanyimfo no de ɔhene no nkra brɛɛ Yesaia no, 6Yesaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. 7Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ”

8Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.

9Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di asraafo anim rebɛko atia no. Bere a ɔtee no, ɔsomaa abɔfo kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no se, 10“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ 11Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? 12Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Talasar no anyame gyee wɔn ana? 13Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”

Hesekia Mpaebɔ

14Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim. 15Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, 16“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 17Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.

18Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. 19Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 20Afei Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ, wo nko ara, Awurade, ne Onyankopɔn.”

Sanaherib Asehwe

21Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, 22eyi ne asɛm a Awurade aka atia no:

“Ɔbabeabun Sion sopa wo,

na ɔserew wo.

Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,

na ɔwosow ne ti bere a woreguan.

23Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?

Hena na womaa wo nne so tiaa no

na wohwɛɛ no ahantan so?

Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!

24Wonam wʼasomafo so

adi Awurade ho fɛw.

Na woaka se,

‘Me nteaseɛnam dodow nti

maforo mmepɔw atenten.

Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.

Matwitwa ne sida atenten no,

ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam.

Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,

ne ne kwaeberentuw mu.

25Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so

de ne nsu pa no adwudwo me ho.

Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu

sɛnea mʼakofo betumi atwa!’

26“Na Montee ɛ?

Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ.

Bere bi a atwam no na medwenee ho;

afei mama aba mu sɛ,

moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ

ho ban.

27Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no

ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.

Wɔte sɛ afuw so nnua,

ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.

Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi

a ɛhyew ansa na anyin.

28“Nanso minim nea wote

bere a woba ne bere a wokɔ

ne sɛnea wo bo huru tia me.

29Na esiane sɛ wo bo huru tia me

na wʼahantan adu mʼasom nti,

mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,

na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,

mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so

asan wʼakyi.

30“Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:

“Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.

Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.

Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,

yɛ bobe nturo na di so aba.

31Bio, nkae bi a ofi Yuda fi

begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.

32Na nkae bi befi Yerusalem aba,

na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.

Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.

33“Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:

“Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu

na ɔrentow bɛmma wɔ ha.

Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi

na ɔrensi pie ntua nʼano.

34Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.”

Awurade ka se,

“Ɔrenwura saa kurow yi mu.

35Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,

mɛbɔ ho ban.”

36Afei Awurade bɔfo fii adi na okunkum asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wɔ Asiria nsraban mu. Bere a nnipa no sɔree anɔpa no, wohuu sɛ amu gugu baabiara! 37Enti Asiriahene Sanaherib pɔn nʼakofo. Ɔsan kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ.

38Da bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosonnan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de afoa kokum no, na woguan kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 37:1-38

希西迦向以赛亚求助

1希西迦王听后就撕裂衣服,披上麻衣,进入耶和华的殿。 2他派身披麻衣的宫廷总管以利亚敬、书记舍伯那和祭司中的长者去见亚摩斯的儿子以赛亚先知, 3对他说:“希西迦说,‘今日是遭难、蒙羞、受辱的日子,就像婴儿要出生,产妇却无力生产一样。 4亚述王派他的元帅来辱骂永活的上帝,也许你的上帝耶和华听见那些话,就惩罚他。请你为我们这些剩下的人祷告。’” 5希西迦王的臣仆说完后, 6以赛亚对他们说:“告诉你们主人,耶和华这样说,‘你不要因亚述王的仆人那些亵渎我的话而害怕。 7我必惊动37:7 惊动”希伯来文是“使灵进入”。亚述王的心,让他听见风声后便返回本国,使他在那里死于刀下。’”

8亚述的将军听说亚述王已经离开拉吉,便回去见王,发现王在攻打立拿9亚述王听说古实特哈加要来攻打他,就派使者去对希西迦说: 10“不要让你所倚靠的上帝愚弄你,说什么耶路撒冷必不会落在亚述王手中。 11你肯定听过亚述诸王扫灭列国的事,难道你能幸免吗? 12我先祖毁灭了歌散哈兰利色提·拉撒伊甸人,这些国家的神明救得了他们吗? 13哈马王、亚珥拔王、西法瓦音城的王、希拿王和以瓦王如今在哪里呢?”

希西迦的祷告

14希西迦从使者手中接过信,读完后走进耶和华的殿,在耶和华面前展开信, 15祷告说: 16“坐在二基路伯天使之上、以色列的上帝——万军之耶和华啊,唯有你是天下万国的上帝,你创造了天地。 17耶和华啊,求你侧耳垂听!耶和华啊,求你睁眼察看!求你听听西拿基立派人来辱骂永活上帝的话。 18耶和华啊,亚述诸王确实扫灭列国,使其土地荒凉, 19把他们的神像丢进火中烧毁。因为那些神像只是人用木头石头制造的,根本不是神。 20我们的上帝耶和华啊,现在求你从亚述王手中拯救我们,让天下万国都知道唯有你是耶和华。”

预言亚述必败

21亚摩斯的儿子以赛亚先知派人对希西迦说:“以色列的上帝耶和华说,‘因为你就亚述西拿基立的事向我祷告, 22以下是耶和华对他的判语,

“‘锡安的居民藐视你,嘲笑你;

耶路撒冷的居民朝你逃窜的背影摇头。

23“‘你在侮辱、亵渎谁呢?

你不放在眼里、高声骂的是谁呢?

以色列的圣者!

24你借你的使者侮辱主。

你说你带着许多战车上到群山之巅,

上到黎巴嫩的巅峰,

砍下最高的香柏树和上好的松树,

征服最高的山和最美的树林。

25你说你已在外邦之地挖井喝水,

已用脚掌踏干埃及的河流。

26“‘难道你不知这是我在远古所定的吗?

如今我要实现我昔日所定的计划,

就是借着你使坚城沦为废墟。

27城中的居民软弱无力,

惊慌失措,羞愧难当,

脆弱如野草和菜蔬,

又像还未长大就被晒焦的房顶草。

28“‘你起你坐,你出你进,

你向我发怒,我都知道。

29因为你向我发怒,

你狂傲的话达到了我耳中,

我要用钩子钩住你的鼻子,

把嚼环放在你嘴里,

使你原路返回。’

30希西迦啊,我要给你一个兆头。你们今年明年要吃野生的,后年要撒种,收割,栽种葡萄园,吃园中的果子。 31犹大的幸存者要再次向下扎根,向上结果。 32因为将有余民从耶路撒冷出来,有幸存者从锡安山出来。万军之耶和华必热切地成就这事。 33至于亚述王,耶和华说,‘他必不能进城或向这里射一箭,必不能手持盾牌兵临城下或修筑攻城的高台。 34他必原路返回,不得进入这城。这是耶和华说的。 35我必为自己和我仆人大卫而保护、拯救这城。’”

36于是,耶和华的天使到亚述营中杀了十八万五千人。人们清早起来,发现到处是尸体。 37亚述西拿基立便拔营回国,住在尼尼微38有一天,他在庙中祭拜他的神明尼斯洛的时候,他儿子亚得米勒沙利色用刀杀了他,然后逃往亚拉腊。他儿子以撒哈顿继位。