Yesaia 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 1:1-31

1Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.

Atuatewman

2Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso!

Na Awurade akasa:

“Matetew mma ama wɔanyinyin,

nanso wɔatew me so atua.

3Nantwi nim ne wura,

afurum nso nim ne wura mmoa adididaka,

nanso Israel nnim,

me nkurɔfo nte ase.”

4Nnome nka, amumɔyɛ man,

ɔman a wɔn afɔdi so,

nnebɔneyɛfo kuw,

mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma!

Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho;

wɔapo Israel Kronkronni no,

wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.

5Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo?

Adɛn nti na moda so tew atua?

Wɔapira mo ti,

na mo koma nso di yaw.

6Efi mo nan ase kosi mo ti so,

ahomeka biara nni mu,

apirakuru ne ahonhon nko ara

akuru a anim deda hɔ

na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree

anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.

7Mo man ada mpan,

wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn;

ananafo regye mo mfuw

a mo ani tua,

na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.

8Wɔagyaw Ɔbabea Sion

te sɛ bobeturo mu sese

te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu,

te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.

9Sɛ Asafo Awurade

annyaw yɛn asefo a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom,

na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.

10Muntie Awurade asɛm,

mo Sodom sodifo;

muntie yɛn Nyankopɔn mmara,

mo Gomorafo!

11“Mo afɔrebɔ ahorow bebree no,

dɛn na ɛyɛ ma me?”

Sɛnea Awurade se ni.

“Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so,

nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade;

mʼani nnye

anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.

12Sɛ moba mʼanim a

hena na obisa eyi fi mo hɔ,

sɛ mutiatia me fi yi?

13Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no!

Mo aduhuam yɛ me tan.

Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow,

mo nhyiamu hunu no afono me.

14Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ,

me kra kyi.

Ayɛ adesoa ama me;

masoa abrɛ.

15Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a,

meyi mʼani ato nkyɛn.

Sɛ mobɔ mpae bebree mpo a

merentie.

“Mogya bebree agu mo nsa ho fi.

16“Munnwira mo ho na mo ho ntew.

Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so!

Munnyae bɔneyɛ,

17Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee.

Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran

Munni mma ayisaa,

monka akunafo nsɛm mma wɔn.

18“Afei mommra na yennwen mmɔ mu,”

sɛnea Awurade se ni.

“Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a,

ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;

mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a

ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.

19Sɛ mopene so na moyɛ osetie a,

mubedi asase no so nnepa.

20Na sɛ moampene na motew atua a,

afoa bedi mo nam.”

Awurade na wakasa.

21Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo no

adan oguamanfo.

Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no ma

na anka trenee te ne mu,

nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma!

22Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso,

wɔde nsu afra wo nsa papa mu.

23Wo sodifo yɛ atuatewfo,

akorɔmfo yɔnkonom;

wɔn nyinaa pɛ adanmude,

na wɔpere akyɛde ho.

Wonni mma ayisaa;

na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.

24Enti, Awurade, Asafo Awurade,

nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se,

“Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔ

na matɔ wɔn so were.

25Mɛma me nsa so, atia mo;

mɛhohoro mo ho fi korakora

na mayi mo ho nkekae nyinaa.

26Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no,

ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no.

Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ wo

Kuropɔn Trenee,

Kuropɔn Nokwafo.”

27Wɔde atɛntrenee begye Sion bio,

na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.

28Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu,

na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.

29“Mo ani bewu, esiane odum anyame a

munyaa wɔn mu anigye no;

wobegu mo anim ase, esiane nturo

a mosom abosom wɔ mu no nti.

30Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo,

ne turo a ennya nsu.

31Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛm

nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw;

abien no bɛhyew abɔ mu,

a obiara rentumi nnum.”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 1:1-31

1Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so.

Atuateman

2Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso!

Na Awurade akasa:

“Matete mma ama wɔanyini,

nanso wɔate me so atua.

3Nantwie nim ne wura,

afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka,

nanso Israel nnim,

me nkurɔfoɔ nte aseɛ.”

4Aa, amumuyɛ ɔman,

ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma,

nnebɔneyɛfoɔ kuo,

mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma!

Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho;

Wɔapo Israel Kronkronni no,

wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.

5Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo?

Adɛn enti na moda so te atua?

Wɔapira mo tiri,

na mo akoma nso di yea.

6Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so

ahomeka biara nni mu,

apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara

akuro a anim deda hɔ

na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ

anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so.

7Mo ɔman ada mpan,

wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn;

ananafoɔ regye mo mfuo

a mo ani tua,

na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no.

8Wɔagya Ɔbabaa Sion

te sɛ bobe turo mu sese

te sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu,

te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia.

9Awurade

tumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom,

na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.

10Montie Awurade asɛm,

mo Sodom sodifoɔ;

montie yɛn Onyankopɔn mmara,

mo Gomorafoɔ!

11“Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no,

ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?”

Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so,

deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ;

mʼani nnye

anantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho.

12Sɛ moba mʼanim a

hwan na ɔbisa yei firi mo hɔ?

Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi?

13Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no!

Mo aduhwam yɛ me tan.

Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ ne

mo nhyiamu fi no afono me.

14Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no,

me kra kyiri.

Ayɛ adesoa ama me;

masoa mabrɛ.

15Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a,

mɛyi mʼani ato nkyɛn.

Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo a

merentie.

“Mogya bebree agu mo nsa ho fi.

16“Monnwira mo ho na mo ho nte.

Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so!

Monnyae bɔne yɛ.

17Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛntenenee

Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran.

Monni mma nwisiaa,

monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn.

18“Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a,

ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;

mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a

ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo.

19Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a,

mobɛdi asase no so nnepa.

20Na sɛ moampene na mote atua a,

akofena bɛdi mo nam.”

Awurade na wakasa.

21Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ no

adane odwamanfoɔ.

Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no ma

na anka tenenee te ne mu,

nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma!

22Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ,

wɔde nsuo afra wo nsã papa mu.

23Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ,

akorɔmfoɔ yɔnkonom;

wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ,

na wɔpere akyɛdeɛ ho.

Wɔnni mma nwisiaa;

na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim.

24Enti, Awurade, Otumfoɔ Awurade,

deɛ ɔyɛ Kɛseɛ ma Israel no ka sɛ,

“Aa, mɛnya ahomegyeɛ afiri mʼatamfoɔ hɔ

na matɔ wɔn so were.

25Mɛma me nsa so, atia mo;

mɛhohoro wo ho fi korakora

na mayi mo ho nkekaawa nyinaa.

26Mɛma mo atemmufoɔ bio sɛ kane no,

ne mo afutufoɔ sɛdeɛ na ɛteɛ, ahyɛaseɛ no.

Yei akyi no, wɔbɛfrɛ wo

Kuropɔn Tenenee

Kuropɔn Nokwafoɔ.”

27Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio,

na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn.

28Nanso atuatefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛdwɛre wɔn abɔ mu,

na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.

29“Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame a

monyaa wɔn mu anigyeɛ no;

wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturo

a mosom abosom wɔ mu no enti.

30Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo,

ne turo a ɛnnya nsuo.

31Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm;

nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ;

ne mmienu no bɛhye abɔ mu,

a obiara rentumi nnum.”