Yesaia 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 2:1-22

Awurade Bepɔw No

1Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.

2Nna a edi akyi no mu no,

Awurade asɔredan bepɔw no betim

sɛ mmepɔw no nyinaa ti;

ebegye din aboro nkoko nyinaa so

na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

3Aman bebree bɛba abɛka se,

“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so,

nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.

Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan

sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.”

Mmara no befi Sion aba,

na Awurade asɛm afi Yerusalem.

4Obebu amanaman ntam atɛn

na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm.

Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw

na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw.

Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa,

na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

5Mommra. Yakob fifo,

momma yɛnnantew Awurade hann mu.

Awurade Da No

6Awurade, woagyaw wo nkurɔfo,

Yakob fifo.

Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma;

wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo

na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko.

7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔn ademude dɔɔso bebree.

Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;

na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.

8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,

nea wɔn nsateaa ayɛ.

9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase

na wama adesamma abotow,

mfa wɔn ho nkyɛ wɔn.

10Kɔhyɛn abotan no mu,

fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu

ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!

11Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.

12Asafo Awurade ahyɛ da bi

ama ahomasofo nyinaa

ne nea ɛma ne ho so nyinaa

(wɔbɛbrɛ wɔn ase),

13Lebanon2.13 Lebanon yɛ ɔmantam bi a na ɛda Yordan apuei fam a, ɛnam sida ne anantwi a na ɛwɔ hɔ no nti, agye din. sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn,

ne Basan odum nnua no,

14mmepɔw atenten nyinaa

ne nkoko a ɛwowaree nyinaa,

15ne abantenten a ɛkorɔn

ne ɔfasu biara a ɛyɛ den,

16aguadi hyɛn biara

ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.

17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,

18na ahoni no bɛyera korakora.

19Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu

ne ntokuru a ɛdeda asase mu

esiane Awurade ho hu

ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti,

bere a ɔbɛsɔre awosow asase.

20Saa da no, nnipa bɛtow

wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni

a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no

agu ama akisi ne mpan.

21Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu

ne abotan mpaapae mu

esiane Awurade ho hu

ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti,

bere a ɔbɛsɔre awosow asase.

22Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa,

a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so.

Wɔyɛ dɛn koraa?

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 2:1-22

Awurade Bepɔ No

1Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.

2Nna a ɛdi akyire no mu no,

Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim

sɛ mmepɔ no nyinaa ti;

ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so

na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,

“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,

nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.

Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”

Mmara no bɛfiri Sion aba

na Awurade asɛm afiri Yerusalem.

4Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn

na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;

wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ

na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.

Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,

na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

5Mommra, Ao Yakob fiefoɔ,

momma yɛnnante Awurade hann mu.

Awurade Da No

6Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,

Yakob fiefoɔ.

Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;

wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ

na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.

7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.

Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;

na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.

8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,

deɛ wɔn nsateaa ayɛ.

9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase

na wama adasamma aboto.

Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.

10Kɔhyɛne abotan no mu,

fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu

ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!

11Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.

12Asafo Awurade ahyɛ da bi

ama ahomasofoɔ nyinaa

ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa

(wɔbɛbrɛ wɔn ase),

13Lebanon2.13 Lebanon yɛ ɔmantam bi a na ɛda Yordan apueeɛ fam a, ɛnam ntweneduro ne anantwie a na ɛwɔ hɔ no enti, agye din. ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn,

ne Basan odum nnua no,

14mmepɔ atentene nyinaa

ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,

15ne abantenten a ɛkorɔn

ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,

16adwadie hyɛn biara

ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.

17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,

18na ahoni no bɛyera korakora.

19Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu

ne ntokuro a ɛdeda asase mu

ɛsiane Awurade ho hu

ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,

ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.

20Saa ɛda no, nnipa bɛto

wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni

a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no

agu ama akusie ne mpan.

21Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu

ne abotan mpaapaeɛ mu

ɛsiane Awurade ho hu

ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,

ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.

22Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa,

a wɔwɔ ahome kɛkɛ so.

Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?