Tito 1 – AKCB & CRO

Akuapem Twi Contemporary Bible

Tito 1:1-16

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Wɔpaw me na wɔsomaa me se memmɛtrɛw nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi mu no, na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde onyamesuro ba 2wɔ nkwa a enni awiei ho anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase; 3na afei ne bere a ɛsɛ mu no, ɔfaa asɛnka a ɔno Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no hyɛ me sɛ menka no so daa no adi.

4Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu:

Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Asɛmpakafo Yiyedi

5Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na woayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano. 6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo. 8Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso. 9Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi.

10Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. 11Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika. 12Mpo Kreta adiyifo no mu baako kae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa atirimɔdenfo ne akwadwofo adidifo.” 13Na asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa, 14na wɔantena ase amma twetiatwa atosɛm ne ɔhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no. 15Biribiara yɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron no, nanso biribiara nyɛ kronkron mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi no, efisɛ wɔn adwene ne wɔn tiboa ho agu fi. 16Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wontumi nyɛ ade pa biara.

Knijga O Kristu

Titu 1:1-16

Pavlovi pozdravi

1Ovo je pismo od Pavla, Božjega sluge i apostola Isusa Krista. Poslan sam učvršćivati vjeru Božjih izabranika i poučiti ih istini da mogu pobožno živjeti. 2Ta im istina daje nadu vječnog života koji im je Bog obećao prije postanka svijeta—a Bog ne može lagati. 3U pravo vrijeme objavio je svoju Riječ propovijedanjem, koje je meni povjereno po zapovijedi Boga, našega Spasitelja.

4Pišem Titu, mojemu pravom sinu po zajedničkoj vjeri.

Neka ti Bog Otac i naš Spasitelj Isus Krist udijele milost i mir.

Titov rad na Kreti

5Ostavio sam te na Kreti da dovršiš naše djelo i da po gradovima postaviš starješine kao što sam te uputio. 6Starješina mora biti besprijekoran, vjeran svojoj ženi,1:6 Ili: jedne žene muž. a djeca mu moraju biti vjernici. Nikomu ne smiju davati povoda da ih optuži za razuzdanost ili nepokornost. 7Nadglednik mora živjeti besprijekorno jer je Božji upravitelj. Ne smije biti samoživ, svadljiv, pijanac, nasilnik ni sklon prljavom dobitku. 8Mora biti gostoljubiv, dobrostiv, razborit, pravedan, svet i uzdržljiv. 9Mora se čvrsto držati vjerodostojne riječi učenja, mora hrabriti druge i uvjeravati protivnike u zdravo učenje.

10Mnogo je nepokornih, taštih govornika prijevarnih umova, osobito među Židovima1:10 U grčkome obrezanih., 11i takve treba natjerati da ušute. Već su cijele obitelji unesrećili poučavajući radi prljavog dobitka ono što ne bi smjeli. 12Jedan od njih, njihov vlastiti prorok, za njih je rekao: “Svi su ti Krećani lašci, opake zvijeri, lijene izjelice.” 13To je istina. Zato strogo kori kršćane da budu zdravi u vjeri, 14da ne prihvaćaju židovske bajke i zapovijedi ljudi koji okreću leđa istini.

15Čistim ljudima sve je čisto, a okaljanima i nevjernima ništa nije čisto; njima su i razum i savjest okaljani. 16Tvrde da poznaju Boga, ali ga svojim djelima niječu. Odurna su to i buntovna stvorenja, neposobna za bilo kakvo dobro djelo.