2 Timoteo 4 – AKCB & CRO

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Timoteo 4:1-22

Paulo Afotu

1Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ, 2ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu. 3Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. 4Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm. 5Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.

6Wogu so rehwie me sɛ afɔre ahwiesa, na bere abɛn sɛ migyaw asetena yi. 7Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidi no makora. 8Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase wɔ ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa.

Nkyerɛkyerɛ A Etwa To

9Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no yɛ. 12Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. 13Sɛ woreba a, fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no.

14Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; Awurade betua no nea ɔyɛɛ no so ka. 15Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu denneennen.

16Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn. 17Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom. 18Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.

Nkradi

19Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me.

20Erasto kaa Korinto na migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ na ɔyare. 21Bɔ mmɔden bra ansa na awɔwbere adu.

Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.

22Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.

Knijga O Kristu

2 Timoteju 4:1-22

1Zaklinjem te pred Bogom i pred Kristom Isusom koji će doći suditi žive i mrtve, zaklinjem te njegovim dolaskom i njegovim kraljevstvom: 2uporno propovijedaj Božju riječ bila za to prigoda ili ne. Upozoravaj ljude na grijeh, strogo ih kori, ali ih i hrabri strpljivo ih poučavajući.

3Jer doći će vrijeme kad ljudi više neće htjeti slušati zdravo učenje. Povodit će se za vlastitim željama te sebi naći mnoštvo učitelja koji će im govoriti ono što će goditi njihovim ušima. 4Odvraćat će uho od istine te ići za bajkama.

5Ali ti budi u svemu trijezan. Podnesi patnje, propovijedaj Radosnu vijest. Ispuni u potpunosti dužnost koju ti je Bog dao.

Pavlove posljednje riječi

6A ja se već prinosim za žrtvu ljevanicu. Približio se trenutak moje smrti. 7Dobro sam se borio za svojega Gospodina, istrčao sam trku i ostao mu vjeran. 8Pripravljen mi je vijenac pravednosti koji će mi Gospodin, pravedni sudac, dati na dan svojega dolaska. Dat će ga svima koji s ljubavlju iščekuju njegov slavni dolazak.

9Požuri se što brže doći k meni. 10Dema me je zbog ljubavi prema ovome svijetu ostavio i otišao u Solun. Krescencije je otišao u Galaciju, a Tit u Dalmaciju. 11Sa mnom je još samo Luka. Povedi sa sobom Marka kad dođeš jer mi je koristan za služenje. 12Tihika sam poslao u Efez. 13Donesi mi, kad dođeš, kabanicu koju sam ostavio u Troadi kod Karpa. Donesi i knjige, osobito pergamene.

14Kovač Aleksandar mi je nanio mnogo zla. Gospodin će mu platiti prema njegovim djelima. 15I ti ga se čuvaj jer se jako protivio našemu propovijedanju.

16Kad su me prvi put izveli pred sud, nitko nije bio uz mene. Svi su me napustili. Neka im Bog to ne uračuna u krivnju! 17Ali Gospodin je bio sa mnom i dao mi je snage da propovijedam Radosnu vijest u svoj punini, da ju čuju svi pogani. Izbavio me iz lavljih ralja. 18Gospodin će me izbaviti od svakoga zlog napada i sačuvati me za svoje nebesko kraljevstvo. Neka mu je slava uvijeke. Amen.

Posljednji pozdravi

19Pozdravi Prisku i Akvilu te Oneziforove ukućane. 20Erast je ostao u Korintu, a Trofima sam bolesnoga u Miletu ostavio.

21Požuri da stigneš ovamo prije zime. Pozdravljaju te Eubul, Pudencije, Lino, Klaudija i sva braća i sestre.

22Neka Gospodin bude s tvojim duhom. Milost s vama!