Sakaria 12 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 12:1-14

Wɔbɛsɛe Yerusalem Atamfo

1Nkɔmhyɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho.

Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu, nea ɔto asase fapem, nea ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm ni: 2“Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. 3Saa da no a wiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopirew no no nyinaa bepirapira wɔn ho. 4Saa da no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefo nso abɔ dam,” sɛnea Awurade se ni. “Mebue mʼani ahwɛ Yudafi, na mefurafura aman ahorow no apɔnkɔ ani. 5Na Yuda mmusua bɛka wɔ wɔn koma mu se, ‘Yerusalemfo yɛ ahoɔdenfo, efisɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Nyankopɔn.’

6“Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ.

7Awurade bɛbɔ Yuda atenae ho ban kan, sɛnea Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem anuonyam renkyɛn Yudafo anuonyam. 8Saa da no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfo a odi wɔn anim. 9Saa da no, mefi ase asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.

Wotwa Adwo Ma Nea Wohwirew No No

10“Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwirew me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba koro ho, na wɔasu yayaayaw te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie. 11Saa da no agyaadwotwa a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwotwa wɔ Megido asasetam so. 12Asase no sofo nyinaa bedi awerɛhow, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid abusua ne wɔn yerenom, Natan abusua ne wɔn yerenom, 13Lewi abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, 14ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒迦利亞書 12:1-14

耶路撒冷必蒙拯救

1以下是耶和華關於以色列的啟示。

鋪展穹蒼、奠立大地的根基、塑造人靈魂的耶和華說: 2「看啊,我要使耶路撒冷成為令周圍萬民昏醉的酒杯。耶路撒冷被圍困時,猶大也必受困。 3到那天,當地上的列國聚集起來攻擊耶路撒冷的時候,我要使耶路撒冷成為一塊沉重的石頭。凡試圖舉起它的,必傷自己。 4到那天,我要使所有的戰馬驚恐,使馬上的騎士癲狂。我必看顧猶大家,使列邦的馬匹瞎眼。這是耶和華說的。 5那時,猶大的族長必心裡說,『耶路撒冷的居民從他們的上帝——萬軍之耶和華那裡得到了力量。』

6「到那天,我必使猶大的族長像木柴中的火盆,像禾捆中的火把,吞噬左右四圍的列邦,但耶路撒冷人必仍在原處——耶路撒冷安居。

7「耶和華必首先拯救猶大的帳篷,免得大衛家和耶路撒冷居民的榮耀超過猶大8到那天,耶和華必保護耶路撒冷的居民,使他們當中最軟弱的像大衛一樣剛強,使大衛家像上帝一樣,像耶和華的天使一樣帶領他們。 9到那天,我必毀滅前來攻擊耶路撒冷的列國。

10「我必將施恩和禱告的靈澆灌在大衛家和耶路撒冷的居民身上。他們必仰望我——他們所刺的那位,如喪獨子一般為祂哀傷,如喪長子一般為祂痛哭。 11到那天,耶路撒冷必一片哀聲,猶如米吉多平原的哈達臨門的哀聲。 12境內家家戶戶都必哀哭。大衛家的男子在一處,女子在一處;拿單家的男子在一處,女子在一處; 13利未家的男子在一處,女子在一處;示每家的男子在一處,女子在一處。 14其餘各家也都哀哭,男女分開。