Sakaria 11 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 11:1-17

1Buebue wʼapon, Lebanon,

na ogya mmɛhyew wo sida!

2Twa adwo, wo ɔpepaw, na sida ahwe ase;

wɔasɛe nnua a ɛwɔ anuonyam no!

Twa adwo Basan adum;

wɔabubu kwaeberentuw no mu nnua no!

3Tie nguanhwɛfo agyaadwo;

wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no!

Tie gyata no mmubomu;

Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe!

Nguanhwɛfo Baanu

4Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea. 5Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn. 6Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea Awurade se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.”

7Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi. 8Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no.

Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe 9na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”

10Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. 11Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.

12Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.11.12 Tua me ka—Ɛkyerɛ ntetewmu. Ma ɛntena hɔ—Esi ntetewmu so dua. Dwetɛ mpɔw aduasa—Tete hɔ no, saa na na Israelfo tɔ nkoa.

13Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ Awurade fi mu no.

14Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.

15Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio. 16Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.

17“Nnome nka oguanhwɛfo a ne so nni mfaso,

na oguan gya nguankuw no!

Afoa ntwa ne basa, ne nʼaniwa nifa.

Ne basa no nwu koraa,

nʼaniwa nifa no mfura koraa!”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

撒迦利亞書 11:1-17

羊群必遭殺戮

1黎巴嫩啊,打開你的門吧,

好讓火焰吞噬你的香柏樹。

2松樹啊,哀號吧,

因為香柏樹已經倒下,

挺拔的樹木已被毀壞。

巴珊的橡樹啊,哀號吧,

因為茂密的樹林已被砍倒。

3聽啊,牧人在哀號,

因為他們肥美的草場已被毀壞。

聽啊,獅子在吼叫,

因為約旦河畔的叢林已被毀壞。

4我的上帝耶和華說:「你去牧養這群待宰的羊吧。 5買羊宰羊的不受懲罰,賣羊的說,『耶和華當受稱頌!我發財了。』牠們的牧人不憐憫牠們。 6因此,我不再憐憫這地方的居民,我要使他們落在鄰人及其君王手中,任這地方被摧毀,必不從敵人手中拯救他們。這是耶和華說的。」

7於是,我牧養這群最困苦的待宰之羊。我拿了兩根杖,一根叫「恩惠」,一根叫「聯合」,開始牧養羊群。 8我在一個月之內除掉了三個牧人。

然而,我厭煩羊群,他們也厭惡我。 9於是我說:「我不再牧養你們了。要死的就死吧,要滅亡的就滅亡吧,讓剩下的互相吞吃吧。」 10然後,我拿起那根叫「恩惠」的杖,把它折斷,以廢除我與萬民所立的約。 11約就在當天廢除了,那些注視著我的困苦羊便知道這是上帝的話。

12我對他們說:「你們若認為好,就給我工錢,不然就算了。」於是,他們給了我三十塊銀子作工錢。 13耶和華對我說:「把這一大筆錢丟給窯戶吧,這就是我在他們眼中的價值!」我便把三十塊銀子丟給聖殿中的窯戶。 14我又把那根叫「聯合」的杖折斷,以斷開猶大以色列之間的手足之情。

15耶和華又對我說:「你再拿起愚昧牧人的器具, 16因為我要使一位牧人在地上興起,他不照顧喪亡的,不尋找失散的,不醫治受傷的,不牧養健壯的,反而吃肥羊的肉,撕掉牠們的蹄子。

17「丟棄羊群的無用牧人有禍了!

願刀砍在他的臂膀和右眼上!

願他的臂膀徹底枯槁,

他的右眼完全失明!」