Rut 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Rut 2:1-23

Rut Di Boas Afuw Mu Mpɛpɛ

1Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.

2Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.”

Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.” 3Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu.

4Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “Awurade ne mo ntena!”

Atwafo no gyee so se, “Awurade nhyira wo.”

5Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?”

6Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae. 7Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”

8Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ. 9Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.”

10Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”

11Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no. 12Awurade, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”

13Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.”

14Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.”

Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo. 15Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan. 16Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.”

17Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien. 18Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no.

19Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira nea ɔboaa wo no!”

Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.”

20Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.”

21Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.”

22Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.”

23Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.

Asante Twi Contemporary Bible

Rut 2:1-23

Rut Di Boas Afuo Mu Mpɛpɛ

1Ɔbarima ɔdefoɔ a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.

2Ɛda koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Ma menkɔ afuo mu na menkɔboaboa atokoɔ nkaseɛ na menni obi a ɔbɛma me adi nʼakyi.”

Na Naomi kaa sɛ, “Ɛyɛ, me babaa, kɔ.” 3Enti, Rut kɔ kɔdii atwafoɔ no akyi. Na sɛdeɛ ɛbaeɛ ne sɛ, ɔhunuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuo mu.

4Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, Boas firi Betlehem baeɛ. Ɔkyeaa atwafoɔ no sɛ, “Awurade ne mo ntena!” Atwafoɔ no gyee so sɛ,

Awurade nhyira wo.”

5Ɛnna Boas bisaa ne sohwɛfoɔ sɛ, “Ababaawa bɛn na ɔwɔ nohoa hɔ no?”

6Sohwɛfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ ababaawa bi a ɔfiri Moab a ɔne Naomi baeɛ. 7Anɔpa yi ara na ɔbisaa me sɛ, ɔbɛtumi aboaboa atokoɔ ano adi atwafoɔ no akyi anaa. Ɔyɛ nsiyɛfoɔ a ɛberɛ kakra bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”

8Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atokoɔ; mma nkɔ afuo foforɔ biara mu. Di mmaa a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuo yi mu no akyi pɛɛ. 9Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuo no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmeranteɛ no kɔkɔ sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, nom nsuo a wɔakɔsa afiri abura no mu no bi.”

10Rut butuiɛ, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”

11Boas buaa sɛ, “Deɛ woayɛ ama wʼase ɛfiri wo kunu wuo akyi no nyinaa, wɔaka akyerɛ me, sɛ wofirii wʼagya ne wo maame ne wo ɔman na wo ne nnipa a wonnim wɔn baabiara no bɛtenaeɛ no. 12Awurade, Israel Onyankopɔn a woanya dwanekɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”

13Na ɔno nso kaa sɛ, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekyerɛ na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamyɛ so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfoɔ no mu baako mpo no.”

14Ɛduruu adidiberɛ no, Boas frɛɛ no sɛ, “Bra ma yɛnnidi. Wotumi de wo burodo no bɔ nsã biara a wopɛ mu.”

Enti, ɔne nʼayutwafoɔ no tenaa ase na Boas maa no aduane sene sɛdeɛ ɔbɛtumi adi mpo. 15Ɛberɛ a Rut sane kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ, “Momma no mmoaboa atokoɔ no ano mfiri nʼafiafi no mu na monnsi no kwan. 16Na monyiyi afiafi no mu deɛ no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesa, na monnha no.”

17Enti, Rut sesaa atokoɔ no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporoo atokoɔ no saa anwummerɛ no, ɔnyaa bɛyɛ lita aduonu mmienu. 18Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduane a ɔgya sii ne hɔ no maa no.

19Naomi hunuiɛ no, ɔteaam sɛ, “Ɛdɔɔso yie! Na ɛhe na ɛnnɛ woboaboaa saa atokoɔ yi nyinaa ano firi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira deɛ ɔboaa wo no!”

Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kaa sɛ, “Deɛ meyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no, wɔfrɛ no Boas.”

20Naomi ka kyerɛɛ nʼase no sɛ, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawuo no nʼayamyɛ. Saa ɔbarima no yɛ abusuafoɔ a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ɔgyefoɔ baako.”

21Rut kaa sɛ, “Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me sɛ, mensane mmra na me ne nʼatwafoɔ no mmɛtena kɔsi ɛberɛ a wɔbɛwie otwa no.”

22Naomi teaam sɛ, “Anwanwasɛm nie! Yɛ deɛ ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfoɔ no ntena kɔsi sɛ wɔbɛwie otwa no. Wʼasom bɛdwo wo wɔ hɔ sen afuo biara mu.”

23Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.