1 Samuel 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 1:1-28

Samuel Awo

1Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu. 2Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana de, na onni ba.

3Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo AwuradeAwurade fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfo wɔ hɔ saa bere no. 4Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔre no, ɔde nam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. 5Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye. 6Nanso na Awurade ato nʼawode mu nti, na Penina di ne ho fɛw. 7Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ Awurade fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo. 8Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?”

Hana Bɔ Mpae Sɛ Ɔpɛ Ɔba

9Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fi pon ano hɔ. 10Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ Awurade mpae. 11Na ɔhyɛɛ bɔ se, “Ao Asafo Awurade, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da.”

12Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no. 13Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa. 14Obisaa no se, “Ɛsɛ sɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna hɔ!”

15Na Hana buae se, “Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. 16Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.”

17Eli buae se, “Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo.”

18Hana teɛ mu se, “Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura” Ɔsan kɔ kodidii, na wanni awerɛhow bio.

Wɔwo Samuel De No Ma Onyankopɔn

19Ade kyee anɔpahema no, ofi no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsan kɔɔ Rama. Bere a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no, 20na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, “Mibisaa no fii Awurade nkyɛn.”

21Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirihyia afɔre ama Awurade. 22Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Sɛ abofra no twa nufu a, mede no bɛkɔ Awurade fi na makogyaw no wɔ hɔ ama Awurade afebɔɔ.”

23Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na Awurade mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.

24Otwaa no nufu wiei no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔre fi wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfe abiɛsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra bae. 25Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔre wiee no, wɔde abofra no brɛɛ Eli. 26Hana kae se, “Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ Awurade mpae no. 27Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na Awurade ayɛ mʼabisade ama me. 28Enti mprempren, mede abofra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na ɔsom Awurade wɔ hɔ.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 1:1-28

Samuel Awoɔ

1Na ɔbarima bi firi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nana nso. Na wɔfiri Tohu fie, a ɛwɔ Suf abusua mu. 2Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana deɛ, na ɔnni ba.

3Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafoɔ kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔdeɛ ma Otumfoɔ AwuradeAwurade fie. Na Eli mmammarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfoɔ wɔ hɔ saa ɛberɛ no. 4Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔdeɛ no, ɔde ɛnam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. 5Nanso, Hana deɛ, na ne kyɛfa yɛ soronko, ɛfiri sɛ, na ɔdɔ no yie, ɛwom sɛ na Awurade mmaa no mma. 6Nanso na Awurade ato nʼawodeɛ mu enti, na Penina di ne ho fɛw. 7Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Ɛberɛ biara a wɔbɛkɔ Awurade fie no, Penina bɔ Hana akutia. Na yei ma Hana su na ɔnnidi mpo. 8Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no sɛ, “Hana, ɛdeɛn asɛm? Adɛn enti na wonnidie? Adɛn enti na wo werɛ ahoɔ, sɛ wonni mma nti? Mensom bo mma wo, nsen sɛ anka wowɔ mmammarima edu mpo?”

Hana Bɔ Mpaeɛ Sɛ Ɔpɛ Ɔba

9Ɛda koro bi na wɔwɔ Silo no, Hana firii adi anwummerɛ bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fie akɔbɔ mpaeɛ. Na ɔsɔfoɔ Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fie ɛpono ano hɔ. 10Hana firi awerɛhoɔ a ano yɛ den mu suiɛ, ɛberɛ a na ɔrebɔ Awurade mpaeɛ. 11Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Ao Awurade Otumfoɔ, sɛ wobɛhwɛ wo ɔsomfoɔ awerɛhoɔdie so, na wotie me mpaeɛbɔ ma me ɔbabarima a, ɛnneɛ mede no bɛsane ama wo. Ne nna a ɔbɛdi nyinaa ɔbɛyɛ wo dea. Deɛ ɛbɛyɛ adansedie sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa yiwan nka ne ti da.”

12Ɔgu so rebɔ Awurade mpaeɛ no, na Eli rehwɛ no. 13Ɔhunuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuu sɛ wanom nsã. 14Ɔbisaa no sɛ, “Ɛsɛ sɛ woba ha ɛberɛ a waboro nsã anaa? Ma wʼani nna hɔ!”

15Na Hana buaa sɛ, “Dabi, me wura, memmoroo nsã, na mmom, me werɛ na aho enti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade. 16Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbaa omumuyɛfoɔ. Na anibereɛ ne awerɛhoɔ so na merebɔ mpaeɛ.”

17Ɛnna Eli kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma wʼani nnye! Israel Onyankopɔn nyɛ wʼabisadeɛ mma wo.”

18Hana teaam sɛ, “Meda wo ase, awura!” Ɔsane kɔ kɔdidiiɛ, na wanni awerɛhoɔ bio.

Wɔwoo Samuel De No Maa Onyankopɔn

19Adeɛ kyee anɔpahema no, efie no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsane kɔɔ Rama. Ɛberɛ a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no, 20na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Samuel na ɔkaa sɛ, “Mebisaa no firii Awurade nkyɛn.”

21Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ ama Awurade. 22Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ, “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ a, mede no bɛkɔ Awurade fie na makɔgya no hɔ ama Awurade afebɔɔ.”

23Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.

24Ɔtwaa no nufoɔ wieeɛ no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔrefie wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra baeɛ. 25Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔdeɛ wieeɛ no, wɔde abɔfra no brɛɛ Eli. 26Hana bisaa no sɛ, “Owura wokae me anaa? Me wura, me ne ɔbaa a ɔbɛgyinaa ha mfeɛ bebree ni bɔɔ Awurade mpaeɛ no. 27Mebɔɔ saa abɔfra yi ho mpaeɛ, na Awurade ayɛ mʼabisadeɛ ama me. 28Enti, seesei, mede abɔfra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na wɔsomm Awurade wɔ hɔ.