Nnwom 37 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 37:1-40

Dwom 37

Dawid dwom.

1Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti;

mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;

2Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew,

wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu.

3Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.

Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.

4Ma wʼani nnye wɔ Awurade mu

na wama wo nea wo koma pɛ.

5Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;

na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:

6ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee,

na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.

7Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,

nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho

efisɛ wɔnam bɔne akwan so.

8Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew;

nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.

9Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,

nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no

wobenya asase no adi so.

10Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.

Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.

11Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so

na wɔanya asomdwoe mmoroso.

12Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo

na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;

13nanso Awurade serew amumɔyɛfo,

na onim sɛ wɔn nna abɛn.

14Amumɔyɛfo twe afoa

na wokuntun wɔn ta mu

sɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo,

sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.

15Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu,

na wɔn ta mu abubu.

16Kakra a atreneefo wɔ no som bo

sen amumɔyɛfo bebree ahonya;

17efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsa

nanso Awurade bɛwowaw atreneefo.

18Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,

na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.

19Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.

Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.

20Nanso amumɔyɛfo bɛyera.

Awurade atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren;

wobetu ayera sɛ wusiw.

21Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua,

nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;

22Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so,

na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.

23Awurade ani sɔ onipa akwan a,

ɔma nʼanammɔntu si pi.

24Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase,

efisɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.

25Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,

na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyi

anaasɛ ne mma resrɛ aduan.

26Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa;

na ne mma benya nhyira.

27Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa

na wobɛtena asase no so afebɔɔ.

28Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ,

na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no.

Wobenya bammɔ daa nyinaa.

Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.

29Atreneefo benya asase no adi so

na wɔatena so afebɔɔ.

30Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.

31Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;

wɔn anan nwatiri.

32Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo

hwehwɛ sɛ wobekum wɔn,

33nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn,

na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii.

34Montwɛn Awurade

na monhwɛ nʼakwan.

Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;

sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.

35Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasa

sɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so,

36nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio;

mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.

37Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ;

na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.

38Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa;

na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.

39Atreneefo nkwagye fi Awurade

ɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu.

40Awurade boa wɔn na ogye wɔn;

oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa,

efisɛ wohintaw wɔ ne mu.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 37:1-40

第 37 篇

義人和惡人的結局

大衛的詩。

1不要因為惡人而煩惱,

也不要羡慕作惡之人,

2因為他們如瞬息枯萎的草芥,

又如轉眼消逝的綠草。

3要信靠耶和華,要行善,

要在這片土地上安然度日。

4要以耶和華為樂,

祂必成全你的願望。

5要把一切交托給耶和華,

信靠祂,祂必幫助你,

6使你的公義如晨光照耀,

你的仁義如日中天。

7要在耶和華面前安靜,

耐心等候祂,

不要因惡人道路通達、陰謀得逞而憤憤不平。

8你要抑制怒氣,除掉憤怒;

不要心懷不平,

那會導致你作惡。

9因為作惡的終必滅亡,

但等候耶和華的必承受土地。

10再過片刻,惡人必不復存在,

無處可尋。

11但謙卑人必承受土地,

得享太平。

12惡人謀害義人,

對他們咬牙切齒。

13但耶和華嗤笑邪惡人,

因為祂知道他們末日將臨。

14惡人拔劍張弓要消滅窮苦人,

殺戮正直人,

15但他們的劍必刺穿自己的心,

他們的弓必被折斷。

16義人淡泊一生強過惡人財富如山。

17因為惡人的勢力終必瓦解,

耶和華必扶持義人。

18耶和華天天看顧純全無過的人,

他們的產業永遠長存。

19他們在災難中不致絕望,

在饑荒時仍得飽足。

20但惡人必滅亡,

上帝的仇敵必像野地枯萎的花草,

消逝如煙。

21惡人借債不還,

義人慷慨給予。

22蒙耶和華賜福的人必承受土地,

被耶和華咒詛的人必遭剷除。

23耶和華引領義人的腳步,

喜悅他們所走的路。

24他們即使失腳,也不會跌倒,

因為耶和華的手扶持他們。

25從幼年到老年,

我從未見過義人遭棄,

也未見其後人討飯。

26他們樂善好施,

後代都蒙祝福。

27你要離惡行善,

就必永遠安居。

28因為耶和華喜愛正義,

不丟棄信靠祂的人,

永遠保護他們。

惡人的後代必被剷除。

29義人必承受土地,

在地上永遠安居。

30義人口出智慧,訴說正義,

31銘記上帝的律法,

從不失腳。

32惡人窺探義人,

伺機謀害。

33但耶和華不會讓惡人得逞,

也不會讓義人在審判時被定罪。

34要等候耶和華,

堅守祂的道,

祂必賜你土地,使你有尊榮。

你必親眼看見惡人被剷除。

35我見過邪惡殘暴之人,

乍看如蔥蘢的黎巴嫩香柏樹,

36再一看,

他已經消失得無影無蹤,

無處可尋。

37你看那純全正直、愛好和平的人,

他們前途美好。

38罪人必遭毀滅,

惡人必被剷除。

39耶和華拯救義人,

患難時作他們的庇護所。

40耶和華幫助他們,

拯救他們脫離惡人,

因為他們投靠祂。