Nnwom 35 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 35:1-28

Dwom 35

Dawid dwom.

1Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asi no nni asi;

ko tia wɔn a wɔko tia me.

2Fa wo nkatabo ne wʼakode;

na sɔre bra bɛboa me.

3Twe peaw ne abonnua

wɔ wɔn a wɔtaa me no so.

Ka kyerɛ me kra se,

“Mene wʼagyenkwa.”

4Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no,

ma wɔn anim ngu ase;

wɔn a wɔbɔ me sɛe ho pɔw no,

ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi.

5Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu

wɔn a Awurade bɔfo repam wɔn no.

6Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso ɛnyɛ toro,

na Awurade bɔfo ntaa wɔn.

7Esiane sɛ wɔde ɔtan sum me afiri kwa,

na wotuu amoa maa me a menyɛɛ wɔn hwee no nti

8ma ɔsɛe mmefu wɔn mu

na ɔtan no a wɔde hintaw no nyi wɔn,

na ma wɔnhwe amoa no mu nsɛe.

9Afei me kra ani begye wɔ Awurade mu

na wasɛpɛw ne ho wɔ ne nkwagye mu.

10Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se,

“Hena na ɔte sɛ wo, Awurade?

Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam,

ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.”

11Adansekurumfo sɔre;

wobisa me nneɛma a minnim ho hwee ho asɛm.

12Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka

na wɔma me kra yɛ basaa.

13Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa atweaatam

na mede akɔnkyen brɛɛ me ho ase.

Bere a me mpaebɔ ho mmuae nnya mmae no,

14mekɔɔ so twaa adwo,

sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.

Mede awerɛhow sii me ti ase

te sɛ nea meregyam me na.

15Nanso bere a mihintiw no wɔde anigye boaa wɔn ho ano;

afowfo twaa me ho hyiae a minnim,

na wodii me ho nseku a wɔantwa so da.

16Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛw te sɛ nnipa a wonni nyamesu,

wɔtwɛree wɔn se guu me so.

17Awurade, wobɛhwɛ wɔn akosi da bɛn?

Gye me nkwa fi wɔn sɛe mu,

gye me nkwa a ɛsom bo no fi saa gyata yi nsam.

18Na mɛda wo ase wɔ guabɔ kɛse ase;

wɔ nnipa dodow mu na mɛkamfo wo.

19Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa no

nhwɛ me haw nserew.

Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me no

mmfa adwene bɔne mmu me anikyiw.

20Wɔnnkasa asomdwoe so,

na mmom, wɔde ntwatoso

tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so.

21Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw,

yɛde yɛn ankasa ani ahu.”

22Awurade, woahu na mmua wʼano.

Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade.

23Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban!

Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade.

24Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, Awurade me Nyankopɔn;

mma wɔnnhwɛ me haw nserew.

25Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!”

anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.”

26Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu no

nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm no

nhyɛ aniwu ne animguase atade.

27Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no

mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu

bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so,

ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.”

28Me tɛkrɛma bɛka wo trenee,

ne wʼayeyi, da mu nyinaa.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 35:1-28

第 35 篇

求上帝伸冤

大衛的詩。

1耶和華啊,

求你與我的敵人為敵,

攻擊那些攻擊我的人。

2求你拿起大小盾牌來幫助我,

3舉起矛槍攻擊追趕我的人。

求你對我說:

「我是你的拯救。」

4願謀殺我的人蒙羞受辱,

謀害我的人落荒而逃!

5願耶和華的天使驅散他們,

如風吹散糠秕!

6願他們的道路漆黑泥濘,

有耶和華的天使在後追趕!

7因為他們無故設網羅,

挖陷阱要害我。

8願他們突遭禍患,

作繭自縛,自食惡果!

9我要因耶和華而歡欣,

因祂的拯救而快樂。

10我從心底發出讚歎:

耶和華啊,誰能像你?

你拯救弱者免受欺壓,

拯救窮人免遭掠奪。

11惡人誣告我,

盤問我毫無所知的事情。

12他們對我以惡報善,

令我傷心欲絕。

13他們生病時,

我披上麻衣,

謙卑地為他們禁食禱告,

但上帝沒有垂聽。

14我為他們哀傷,

視他們為朋友、弟兄;

我低頭為他們哭泣,

如同哀悼自己的母親。

15我遭遇患難時,

他們卻聚在一起幸災樂禍,

合夥誹謗我。

素不相識的人也群起攻擊我,

不住地譭謗我。

16他們肆無忌憚地嘲弄我,

咬牙切齒地憎惡我。

17耶和華啊,

你袖手旁觀要到何時?

求你救我的性命免遭殘害,

救我脫離這些獅子。

18我要在大會中稱謝你,

在眾人面前讚美你。

19求你不要讓無故攻擊我的人幸災樂禍,

不要讓無故恨我的人沾沾自喜。

20他們言語暴戾,

謀害安分守己的人。

21他們高喊:「哈哈!哈哈!

我們親眼看見了。」

22耶和華啊,這一切你都看見了,

求你不要再緘默,不要遠離我。

23我的上帝,我的主啊,

求你起來為我辯護,為我伸冤。

24我的上帝耶和華啊,

求你按你的公義宣告我無罪,

別讓他們幸災樂禍。

25別讓他們說:

「哈哈,我們如願以償了!」

別讓他們說:

「我們除掉他了!」

26願幸災樂禍的人蒙羞受辱,

自高自大的人無地自容!

27願盼望我冤屈得雪的人揚聲歡呼!

願他們常說:「耶和華當受尊崇!

祂樂意賜福給自己的僕人。」

28我要訴說你的公義,

終日讚美你。