Nnwom 2 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 2:1-12

Dwom 2

1Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho

na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?

2Asase so ahemfo sɔre gyina

na sodifo ka wɔn ho bɔ mu

tia Awurade ne Nea Wɔasra no no.

3Wɔka se,

“Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn

na yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu.”

4Nea ɔte agua so wɔ ɔsoro no serew;

Awurade di wɔn ho fɛw.

5Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu,

hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,

6“Masi me Hene

wɔ Sion, me bepɔw kronkron no so.”

7Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde:

Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba;

nnɛ mayɛ wʼAgya.

8Bisa me,

na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade,

asase ano nyinaa bɛyɛ wo de.

9Wode dade ahempema bedi wɔn so;

na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”

10Enti mo ahemfo, munsua nyansa;

monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.

11Momfa osuro nsom Awurade

na monsɛpɛw mo ho ahopopo mu.

12Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw

na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu,

efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim.

Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.