Nnwom 3 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 3:1-8

Dwom 3

Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.

1Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa!

dodow no ara na wɔsɔre tia me!

2Bebree no ara ka fa me ho se,

“Onyankopɔn rennye no.”

3Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia

mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.

4Meteɛ mu su frɛ Awurade,

na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.

5Metɔ hɔ na meda a,

minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.

6Merensuro atamfo mpem mpem a

wɔatwa me ho ahyia no.

7Sɔre, Awurade!

Gye me, me Nyankopɔn!

Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye;

na tutu amumɔyɛfo se.

8Awurade hɔ na ogye fi ba.

Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.