Nnwom 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 14:1-7

Dwom 14

Dawid dwom.

1Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,

“Onyankopɔn bi nni hɔ.”

Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi

na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2Awurade fi ɔsoro hwɛ

adesamma wɔ fam

sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni hɔ.

4Enti abɔnefo rensua nyansa ana?

Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.

Wonnsu mfrɛ Awurade?

5Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn,

efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.

6Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe,

nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.

7Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!

Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.

Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 14:1-7

Dwom 14

Dawid dwom.

1Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ,

“Onyankopɔn bi nni hɔ.”

Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi

na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

2Awurade firi ɔsoro hwɛ

adasamma

sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni hɔ.

4Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa?

Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane.

Wɔnnsu mfrɛ Awurade?

5Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.

6Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ,

nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.

7Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!

Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.

Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!