Nnwom 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 13:1-6

Dwom 13

Dawid dwom.

1Awurade enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana?

Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me?

2Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere

na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa?

Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?

3Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn.

Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

4Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.”

Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase.

5Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;

me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu.

6Mɛto dwom ama Awurade,

efisɛ ɔne me adi no yiye.

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 13:1-6

Dwom 13

Dawid dwom.

1Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa?

Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me?

2Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ

na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa?

Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?

3Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn.

Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.

4Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.”

Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase.

5Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so;

mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu.

6Mɛto dwom ama Awurade,

ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.